Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MAY 31, 2018
CANADA

Canada Asɛnnibea Kunini No Adi Asɛm Bi Abu Yehowa Adansefo Bem

Canada Asɛnnibea Kunini No Adi Asɛm Bi Abu Yehowa Adansefo Bem

Wɔ May 31, 2018 no, Canada Asɛnnibea Kunini no de asɛm bi a wodii too gua; atemmufo no nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro mu. Asɛnnibea no kyerɛe sɛ nhyehyɛe a ɛma wotu obi fi asafo no mu no nyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ kɔɔto biara de ne ho gyigye mu. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ wɔama nkurɔfo ahu sɛ Yehowa gyinapɛn anaa ne mmara teɛ.​—Yesaia 33:22.

https://scc-csc.lexum.com/scc-csc/scc-csc/en/item/17101/index.do