Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 7, 2018
CUBA

Wimhyɛn Bi Anya Akwanhyia Wɔ Cuba, Na Abusua Bi a Emufo Yɛ Adansefo Awu

Wimhyɛn Bi Anya Akwanhyia Wɔ Cuba, Na Abusua Bi a Emufo Yɛ Adansefo Awu

Fida, May 18, 2018 no, wimhyɛn bi a wɔfrɛ no Boeing 737 tui wɔ Havana a ɛwɔ Cuba. Etui no, ankyɛ koraa na ɛkɔhwee ase. Nnipa 113 a na wɔwom no, wɔn mu baako pɛ na onyaa ne ti didii mu. Akwanhyia a ani yɛ nyan sei de, ebi sii ɔman no mu akyɛ pa ara.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a wowuwui no, na Yehowa Adansefo mmiɛnsa ka ho. (agya bi ne ne yere ne wɔn ba a wadi mfe 22). Ná asafo a wɔwom wɔ Cuba no dɔ wɔn pa ara na na wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Wɔyɛɛ wɔn ayi Memeneda, May 26, 2018.

Asafo mu mpanyimfo rehyɛ anuanom ne abusuafo a ade atɔ wɔn ani no nkuran, na wɔde awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu reboa wɔn. Atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nso ayi wɔn yam de honam fam mmoa ama wɔn. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ‘akyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ’ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.​—Yesaia 61:1, 2.