Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MAY 4, 2022
GHANA

Wɔayi Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a Wɔasesa Mu Ayɛ No Foforo No Adi Wɔ Asante Twi Kasa Mu

Wɔayi Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a Wɔasesa Mu Ayɛ No Foforo No Adi Wɔ Asante Twi Kasa Mu

Onua Sanderson kasa no akyi pɛɛ no, wɔde Bible no too Intanɛt so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi atwe bi

Kwasida, April 24, 2022 no, Onua Mark Sanderson a ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho no yii Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔasesa mu ayɛ no foforo no adi wɔ Asante Twi kasa mu. Ɔkasa no akyi pɛɛ no, wɔde Bible no too Intanɛt so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi atwe bi. Wɔn a wɔpɛ nea yɛaprente no, wɔn nsa bɛka bi wɔ August mu.

Wokɔ Afrika atɔe fam a, nnipa ɔpepem pii a ɛwɔ hɔ ka Akan kasa. Akan kasa a yɛreka yi, Asante Twi ne Akuapem Twi ka ho. Wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Twi kasa mu wɔ afe 1871, nanso na ɛwɔ Akuapem Twi nko ara mu. Afe 1897 mu no, wɔsan yɛɛ Akuapem Twi Bible foforo. Saa bere no nyinaa, na wonnya nyɛɛ Asante Twi Bible. Afe 1964 mu na wodii kan kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Asante Twi kasa mu. Eduu afe 2012 no, Yehowa Adansefo nso kyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no ase kɔɔ Asante Twi kasa mu.

Wodii kan kyeree dwumadi no guu afiri so ansa na wɔrebɔ ama atiefo; onuawa yi rehwɛ bi wɔ ne fie

Wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase no, ma yentie wɔn mu baako anom asɛm. Bere a ɔhwɛɛ adwuma a wɔatumi ayɛ no, ɔkaa sɛ: “Mfiase no, yɛhwɛ adwuma a na ɛda hɔ no a, na ɛnyɛ asɛm ketewa. Nanso na yɛtaa bɔ mpae, na yɛde yɛn ho too Yehowa honhom so, enti da biara da na yehu sɛ Yehowa ankasa repia adwuma no.”

Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a yɛasesa mu ayɛ no foforo wɔ Asante Twi kasa mu no, ɛyɛ akyɛde foforo a Yehowa de ama anuanom a wɔka Twi kasa no. Ɛbɛboa wɔn ama wɔatumi asom yɛn Nyankopɔn Yamyefo Yehowa yiye.—Yakobo 1:17.