Kɔ emu nsɛm afã hɔ

OCTOBER 20, 2015
GHANA

Adansefo a Wɔwɔ Ghana Yɛɛ Ntɛm De Mmoa Mae Bere a Nsu Yiri Sɛee Nneɛma Na Ekunkum Nkurɔfo No

Adansefo a Wɔwɔ Ghana Yɛɛ Ntɛm De Mmoa Mae Bere a Nsu Yiri Sɛee Nneɛma Na Ekunkum Nkurɔfo No

ACCRA, Ghana​—Osu kɛse bi tɔe wɔ Ghana ahenkurow Accra mu; eyiri sɛee nneɛma pa ara, na ekunkum nnipa bɛboro 200. Yehowa Adansefo kɔyɛɛ wɔn a wɔn ho kaa mu no mmoa, na wowiee saa adwuma no wɔ August 2015 awiei.

Ɔdan yi, ɛyɛ Ɔdansefo bi a nsuyiri no tuu no fii ne fie dea. Adansefo bi a wɔte mpɔtam hɔ de wɔn nsa akyerɛ baabi a nsu no kɔɔ soro kodui wɔ dan no ho.

Ɛwom, Adansefo no mu biara anhwere ne nkwa. Nanso wɔn mu 250 de, nsuyiri no tuu wɔn fii wɔn afie mu. Da a nsu no yirii no, n’adekyee June 4, 2015 no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Ghana no paw nnipa bi a wɔde mmoa bɛma wɔn a atoyerɛnkyɛm no ma wodii amia no. Nnipa a wɔpaw wɔn yi de sii wɔn ani so sɛ, wɔde nneɛma bi a wɔn a wɔn ho akã no hia no anim-anim yi ara no bɛma wɔn. Saa nneɛma no bi ne kuntu, ntade ne nsu. Afei nso, adan a na nsu akɔtaa mu no, nkurɔfo a wɔapaw wɔn no san yɛɛ nhyehyɛe kosiesiee hɔ kama, na nneɛma a asɛe wɔ hɔ nso, wosiesiei. Adansefo a wɔte Accra nso, nea wɔyɛ de boaa wɔn mfɛfo Adansefo a asɛm ato wɔn no ne sɛ, wogyee wɔn bɛtenaa wɔn afie mu kakra.

Nkurɔfo a wɔpaw wɔn ma wɔde mmoa mae wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no, wɔn guamtenani ne Dossou Amevor (ɔno na ogyina benkum so pa ara no). Ɔrehwɛ ama wɔakyekyɛ mattress wɔ Atiman Ahenni Asa a ɛwɔ Madina, Accra no.

Nsuyiri no maa ogya kɛse bi tɔɔ baabi a wɔtɔn pɛtro. Wei maa dorobɛn bi a nsu fa mu kɔ Adabraka ho kãe, na ɛmaa nsu a ɛkɔ Adabraka no twae. Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Ghana no de ankora bi kosii Adabraka Ahenni Asa (baabi a wohyiam som) so hɔ. Wei maa Adansefo a wɔwɔ hɔ ne wɔn afipamfo nyaa nsu.

Memeneda, June 6 no, adwumayɛbea ti no somaa ayaresafo akuw mmienu sɛ wɔnkɔ Alajo ne Adabraka nkɔhwɛ wɔn mfɛfo Adansefo ne afoforo a wɔn ho akã no. Saa akuw mmienu no, na adɔkotafo nnum ne anɛɛsefo mmienu a wɔn nyinaa yɛ Adansefo na ɛwom. Wɔsaa nyarewa ahorow bebree. Ebi ne atiridiinini (malaria), aharawa (lungs) mu nyarewa ahorow bi, ne ayamtu. Adansefo no adwumayɛbea ti no tuu ananmusifo bi sɛ, wɔnkɔsrasra wɔn mfɛfo Adansefo, na wɔmfa Bible mu asɛm nkyekye wɔn werɛ nhyɛ wɔn den. Adansefo a wɔte mpɔtam hɔ nso de Bible mu nsɛm kyekyee wɔn nuanom werɛ.

Adansefo adɔkotafo mmiɛnsa ne anɛɛsefo mmienu no ni; wotwaa mfoni yi wɔ Adabraka Ahenni Asa no so. Ɛhɔ na na wɔhwɛ ayarefo no.

Nathaniel Gbedemah a ɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ghana no kasamafo kaa sɛ: “Sɛnea nsuyiri no sɛee nneɛma na ekunkum nnipa wɔ Accra no, ɛyɛ yɛn yaw pa ara. Yɛn mpɔtamfo a asɛm ato wɔn no, yɛreyɛ nea yebetumi biara de akyekye wɔn werɛ, yɛama wɔn nsa aka nneɛma ahorow bi a wohia wɔ asetenam, na yɛde Bible mu asɛm nso aboa wɔn. Saa ara na Yehowa Adansefo ayɛ wɔ aman afoforo so.”

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

J. R. Brown, Office of Public Information, tel. +1 718 560 5000

Ghana: Nathaniel Gbedemah, tel. +233 30 701 0110