Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 5, 2018
GUATEMALA

Bepɔw a Ogya Wom Apae Wɔ Guatemala

Bepɔw a Ogya Wom Apae Wɔ Guatemala

Kwasida, June 3, 2018 no, Guatemalafo Volcan de Fuego, anaa bepɔw a ogya wom, paee, na abo a anan kɔɔ na ayɛ sɛ nsu fii mu bae. Afei epuw wusiw kumɔnn kɔɔ wim bɛyɛ kilomita 9 anaa akwansin 6. Anyɛ hwee koraa no, asafo ahorow du na ɛwɔ beae hɔ. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no mu biara ho nkãe, nanso wɔayi wɔn mu nwɔtwe afi beae hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a asiane biara rento wɔn. Amansin ahorow a ɛbɛn beae a asɛm no asi no de asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 8 :14, 15 ayɛ adwuma ma enti wɔde nnuan ne asetenade akɔma wɔn a wohia mmoa no.