Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NOVEMBER 28, 2018
INDIA

Ahum a Wɔfrɛ No Gaja Asɛe Ade Wɔ India

Ahum a Wɔfrɛ No Gaja Asɛe Ade Wɔ India

November 16, 2018 no, ahum kɛse bi a wɔato din Gaja sɛee Tamil Nadu mantam a ɛwɔ India anafo fam no. Nnipa bɛyɛ 46 na wowuwui, bɛyɛ 250,000 nso nni baabi te, na afie bɛboro 85,000 sɛee.

Dua abu asɛe ofie yi wɔ Mannargudi, Tamil Nadu; ɛyɛ yɛn nua baako fie.

India Baa Dwumadibea bɔ amanneɛ sɛ ahum no ampira yɛn nuanom no mu biara. Saa ara nso na obiara anwu. Nanso yɛn nuanom afie 38 ne Ahenni Asa 2 sɛee. Betel a ɛwɔ hɔ no tee Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu sɛ wɔmmoa yɛn nuanom a wɔn ho aka no. Ná wɔn nnwuma no bi ne sɛ wɔbɛma wɔn nsa aka nnuan ne nsu.

Yɛn mpaebɔ ne sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ India a ahum a wɔfrɛ no Gaja kaa wɔn no, Yehowa bɛfa asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ so akyekye wɔn werɛ.—1 Petro 5:2.