Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 6, 2018
KAZAKHSTAN

Wɔde Onua Teymur Too Afiase Nnafua 441​—Woyii No No, Yɛne Ɔne Ne Yere Mafiza Akhmedov Twetwee Nkɔmmɔ

Wɔde Onua Teymur Too Afiase Nnafua 441​—Woyii No No, Yɛne Ɔne Ne Yere Mafiza Akhmedov Twetwee Nkɔmmɔ

Kazakhstan Ɔmampanyin Nursultan Nazarbayev de Onua Teymur Akhmedov ho kyɛɛ no, enti woyii no fii afiase April 4, 2018. Ná wɔde no ato afiase nnafua mmaako mmaako 441. Ne bɔne a ara ne sɛ atumfoɔ no se ɔka ne gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.

Bere a woyii Teymur fii afiase no, ɔne ne yere Mafiza kɔtenaa Kazakhstan ahenkurow Astana mu. Woyii no akyi pɛɛ no, Yehowa Adansefo Asoɛe a ɛne Ɔmanfo Di Nkitaho (Office of Public Information anaa OPI) a ɛwɔ wɔn adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York no ne wɔn twetwee nkɔmmɔ. Nkɔmmɔ no, wɔayɛ mu nsakrae ayi nsɛm no bi afi mu ama ayɛ tiawa, na emu nso ada hɔ.

OPI: Nea edi kan, Onua Akhmedov, yɛpɛ sɛ woka wo ho asɛm kakra kyerɛ yɛn. Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni?

Teymur Akhmedov: Mebɔɔ asu October 9, 2005. Ansa na merebesua nokware no, na minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ná minnye obiara nni, na na minnye ɔsom biara nso nni. Wei kɔɔ so mfe pii. Akyiri yi, me yere ne Adansefo fii ase suaa ade na na mepɛ sɛ mihu nea wɔresua no. Ná metaa kɔtɛw ɔpon akyi tie wɔn nkɔmmɔ no.

Mibehui sɛ nkɔmmɔ a na wɔbɔ no fa ayamye ne nneɛma pa nko ara ho. Wei twee me. Awiei koraa no, Adansefo no maa Onua Veslav ne me besuaa ade. Onua Veslav fi Poland nanso na ɔte Kazakhstan. Yɛn adesua a edi kan no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm baako pɛ. Sɛ woma me mmuae a ɛtɔ asom a, yɛbɛyɛ nnamfo na yɛatoa adesua no so. Nanso sɛ wo mmuae no ntɔ asom a, yɛrenyɛ aka de, nanso megyae adesua no.’ Afei mibisaa Onua Veslav sɛ, sɛ obi wu a, ɛhe na ɔkɔ? Obuee Ɔsɛnkafo 9:5 na ɔkaa sɛ, ‘kenkan na wubehu mmuae no.’ Bere a mekenkanee no, mihui sɛ wei ne nokware no. Enti mepenee so sɛ ɔnsan mmra mma yɛntoa Bible adesua no so.

Nea woreka yi kyerɛ sɛ wusuaa Bible no na wobɔɔ asu afe 2005.

Ɛnde yɛnnan nkɔ nsɛm a esisii ansa na wɔrekyere wo no so. Wokyerɛ sɛ May 2016 mu no, wuhyiaa mmarima bi a na wɔkyerɛ sɛ wɔn ani gye Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ho. Abosome kakraa ntam no, wo ne wɔn suaa Bible no mpɛn pii. Bere a wo ne wɔn resua ade no, wɔkaa asɛm bi anaa wɔyɛɛ biribi a ɛmaa w’adwenem yɛɛ wo naa wɔ wɔn ho anaa?

TA: Yiw, meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ a yɛtaa ne ankorankoro na esua ade na ɛnyɛ nnipakuw. Enti mekaa sɛ wɔmma yɛnkyekyɛ wɔn mu na obiara nsua ne de nanso bere biara a mɛka saa no, wɔmpene; ná wɔpɛ sɛ wɔn nyinaa bom sua. Afei ɛwɔ mu ara a na wɔama ebinom abɛka adesua no ho. Ɛba saa a, na wɔaka akyerɛ me sɛ mensan nti nea yɛasua dedaw no mu.

Mafiza Akhmedov: Da bi mikogyaa me kunu ma ɔkɔyɛɛ adesua no. Ná ɔne wɔn asua ade akyɛ de, nanso mihui sɛ adesua no mu no, sɛ wɔkɔfa ɔsom wei ho asɛm ba a, na wɔakɔfa foforo nso aba; saa ara. Afei ofie a na wɔte mu no, wohwɛ ne fɛ a, ɛnyɛ ofie a sukuufo betumi ahan. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔwɔ sika pa ara. Asɛm a mekae no ankɔ yiye amma wɔn. Enti yɛrefi hɔ no, wɔde Teymur kɔɔ nkyɛn na wɔka kyerɛɛ no sɛ mma ɔmfa me mma hɔ bio.

Bere bɛn na wubehui sɛ sɛɛ na ɛnyɛ Yehowa Adansefo gyidi ho ade bi na na saa mmarima no repɛ asua, na mmom wɔyɛ adwuma ma Kazakhstan Sum Ase Polisifo anaa (KNB) no?

TA: Ɛyɛ bere a wɔredi asɛm no wɔ kɔɔto no na mihui sɛ wɔyɛ adwuma ma KNB no.

Bere a wɔkyeree wo na wɔbɔɔ wo sobo sɛ “wohyɛ ɔsom mu basabasayɛ ho nkuran,” na woka sɛ “mo nko ara mo som na eye” no, wotee nka sɛn?

TA: Nokwasɛm ne sɛ bere a wɔkyeree me no, na ɛyɛ me sɛ wɔde me rekɔ polisifo asoɛe ama makɔkyerɛkyerɛ nea mayɛ no mu, na wɔagyaa me. Ná mayɛ krado sɛ meyi m’ano akyerɛkyerɛ nea na me ne wɔn sua no mu akyerɛ wɔn.

Sɛnea nneɛma kɔe no maa me ho dwiriw me kakra nanso mammɔ hu. Ɛyɛɛ me nwonwa pa ara sɛ wɔbɔɔ me sobo sɛ mehyɛ ɔsom mu basabasayɛ ho nkuran na mesɛe nkurɔfo adwene. Yehowa Adansefo ka nea wonim fa Yehowa ho kyerɛ nkurɔfo, na wɔnhyɛɛ ɔtan ne mpaapaemu ho nkuran da. Me komam de, na minim pa ara sɛ Yehowa bɛboa me efisɛ na minni fɔ. Sɛ meka sɛ na asɛm no nhaw me a, na meboa, nanso na mekae Bible afotu yi, ‘montow mo dadwen nyinaa ngu Yehowa so, efisɛ odwen mo ho.’​—1 Petro 5:7.

Wɔde wo toom bosome mmiɛnsa a na wonnii w’asɛm. Wɔ May 2, 2017 no, Astana kɔɔto no buu wo fɔ enti wɔkaa sɛ wɔmfa wo nto afiase mfe nnum, afei wunni hokwan sɛ woka Bible mu asɛm kyerɛ obiara mfe mmiɛnsa. Ɛbaa saa no, wotee nka sɛn?

TA: Bere a kɔɔto no de ne gyinaesi no too gua no, migye toom sɛ mɛkɔ akɔda afiase mfe nnum no nyinaa. Mekaa no me tirim sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ sɔhwɛ de a, Yehowa na onim bere tenten a ebedi ne bere a ɛbɛba awiei.’ Enti na masi me bo sɛ mɛkɔ so atwɛn ara.

Afiase a wɔde Onua Akhmedov kɔtoe ni. Ɛwɔ Pavlodar, Kazakhstan.

Yenyaa no ntee sɛ bere a wɔkyeree wo no, na yare kɛse bi abɔ wo. Ɛyɛ nokware anaa?

TA: Yiw, ansa na wɔde me rekɔ afiase no na meyare ma wɔde me ato aduru so. Nanso wɔkyeree me no, ne nyinaa baa awiei, enti yare no mu yɛɛ den.

Mafiza, wotee nka sɛn?

MA: Ehu kaa me na m’adwene tu frae. Mfe 38 a na me ne Teymur aware nyinaa na yɛn ntɛm ntetewee da, enti bere a wɔkyeree no too afiase no, na ɛyɛ den ma me pa ara sɛ mesisi gyinae. Nanso Teymur hyɛɛ me nkuran sɛ: ‘Nsuro! Wɔ wiase wei mpo mu no, Yehowa behyira yɛn. Ɔbɛma yɛn mfe 25 de asi 5 no ananmu!’

Wɔkyeree wo kunu too mu no, dɛn bio na ɛboaa wo?

MA: Anuanom boaa me pa ara. Bere a wɔde Teymur kɔtoo afiase no, KNB no de wɔn ani sii yɛn fie ne biribiara a ɛkɔ so wɔ hɔ no so. Esiane ɔkwan a wɔfaa so kyeree Teymur nti, minyaa adwene sɛ anhwɛ a onua biara remmɛsra me da.

Nanso da koro bi, asafo mu panyin bi ne ne yere bɛsraa me. Ɛhyɛɛ me nkuran pa ara. Mibisaa wɔn sɛ, ‘Enti munsuro sɛ mobɛba ha?’ Nea wɔkae ne sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro? Seesei, sɛ atumfoɔ no pɛ sɛ wohu baabi a yɛhyɛ a wobetumi afa yɛn fon so ahu. Enti sɛ wɔrehwehwɛ yɛn a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobehu yɛn.’

Asafo mu mpanyimfo bi nso bɛsraa me na wɔhyɛɛ me nkuran sɛ sɔhwɛ a makɔ mu no, ɛnsɛ sɛ mema ebu m’abam na mmom menhyɛ me ne Yehowa abusuabɔ mu den.

Teymur, dɛn na ɛboaa wo ma wutumi de adwempa gyinaa sɔhwɛ a ɛtoo wo no ano?

Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu Onua Akhmedov wɔ ayaresabea a ɛwɔ Almaty. Ankyɛ na woyii no. Mfiase no na wɔnhwɛ no nanso bere a ne yare no mu yɛɛ den no wɔmaa no kwan ma ɔkɔɔ ayaresabea.

TA: Mebɔɔ Yehowa mpae! Daa na mesrɛ Yehowa sɛ ɔmma minhu nea ɛsɛ sɛ meyɛ, ɔmma me ntease ne ahoɔden na ama matumi de anigye ne nokwaredi akɔ so asom no. Mihui sɛ na Yehowa bua me mpaebɔ no. Ɔboaa me efisɛ mewɔ afiase hɔ no mante nka sɛ mayɛ ankonam.

Bible akenkan nso boaa me. Afiase baako mu de, daa na Bible wɔ hɔ a metumi akenkan. Afiase foforo nso, na Bible wɔ afiase no nhomakorabea, enti nnawɔtwe biara na minya da koro de kɔkenkan.

Ná mekae asɛm a onua a ɔne me suaa Bible taa ka kyerɛ me no. Ná ɔtaa ka sɛ ɛnsɛ sɛ yesuro sɔhwɛ a yebehyia no. Mekae sɛ da bi mibisaa no sɛ: ‘Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ misuro? Sɛ sɔhwɛ no ano yɛ hyew anaa ɛyɛ hu nso ɛ?’ Ɔkaa sɛ Yehowa remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi na mmom ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ biara ano. (1 Korintofo 10:13) Enti meda afiase no, na mekae saa asɛm no pa ara.

Bere a wotee sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ate w’asɛm no na wɔrebɔ mpae ma wo no, wotee nka sɛn?

TA: Metee nka sɛ Yehowa na ɔredi boa me efisɛ ahyehyɛde no yɛ ne dea. Wei ma minyaa awerɛhyem pa ara sɛ Yehowa nnyaw me, na ɛnyɛ dɛn ara a obeyi me afi afiase hɔ.

Mɛka a, ade baako a na misuro pa ara ne afiasenna. Ná misuro afiase. Sɛ na merekenkan anuanom a wɔwɔ afiase ho nsɛm a, na metaa bɔ mpae sɛ, ‘Yehowa, mesrɛ wo, sɔhwɛ biara betumi ato me nanso afiase de yi fi mu!’ Nanso bere koro no ara, na mepɛ pa ara sɛ mekɔ afiase kɔka asɛmpa no bi akyerɛ wɔn a wogu hɔ no. Mibisaa anuanom sɛ metumi akodi adanse wɔ Kazakhstan afiase anaa, nanso wɔkaa sɛ wɔmmaa yɛn kwan sɛ yebetumi ayɛ saa. Enti bere a wɔkaa sɛ wɔde me bɛkɔ afiase no, na minhu sɛ minsu oo, sɛ menserew oo. Ná ehu aka me, nanso bere koro no ara na ayɛ sɛ m’abisade no aba mu.

Enti wunyaa hokwan dii obi adanse wɔ afiase hɔ?

TA: Yiw. Da bi, obi a ɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma ne me bɛbɔɔ nkɔmmɔ. Miduu ne ɔfese no ɔkaa sɛ, ‘Minim sɛ woyɛ Yehowa Danseni, enti mmɔ wo ho mmusu sɛ wubedi me adanse!’ Ɛnna miyii no ano sɛ, ‘Ɛnyɛ ɛno koraa ne m’adwene.’ Afei obisaa me sɛ, ‘Onyankopɔn din de sɛn?’ Mekaa sɛ, ‘Onyankopɔn din de Yehowa.’ Ɔtoaa so sɛ, ‘Ɛnde Yesu yɛ onipa bɛn? Ɛnyɛ ɔno ara ne Nyankopɔn?’ Mekaa sɛ, ‘Dabi, ɔyɛ Nyankopɔn ba.’ Afei obisae sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na Ortodɔksfo gye di sɛ ɔyɛ Nyankopɔn?’ Ɛnna mekaa sɛ, ‘Gye sɛ wubisa wɔn ankasa.’

Bere foforo nso minyaa hokwan ne nnipa 40 anaa nea ɛboro saa bɔɔ nkɔmmɔ. Saa bere no na adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi abɛsra wɔn a wogu afiase no. Ná yɛreka aware ho asɛm, enti obisaa obiara adwene wɔ aware dodow ho. Obiara nyaa hokwan kyerɛɛ n’adwene.

Eduu me so no, mekaa sɛ m’ankasa de, minni ho adwenkyerɛ biara. Nanso obi aka asɛm bi afa aware ho a m’ani gye ho pa ara, na mepɛ sɛ mede to gua. Afei mekaa sɛ: “Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Ɛnna onimdefo no bisae sɛ, ‘Hena na ɔkaa saa asɛm no?’ Mibuaa no sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn, nea ɔbɔɔ yɛn no. Ɛka nnipa mmienu pɛ ho asɛm.’

Ɔsan bisaa sɛ, ‘Dɛn bio na wugyina so ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima ware ɔbea baako pɛ?’ Mefaa Mateo 7:12 mu asɛm kae. Ɛhɔ ka sɛ: “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Afei mekaa sɛ: ‘Yesu na ɔkaa saa asɛm no. Mesrɛ wo, bisa obiara a ogyina ha ma me sɛ wɔn mu hena na ɔpɛ sɛ ɔne ɔbarima foforo kyɛ ne yere. Sɛ mmarima mpɛ sɛ wɔn yerenom ware mmarima foforo a, saa ara nso na mmea nso mpɛ sɛ wɔn kununom ware mmea foforo.’ Onimdefo no kaa sɛ nsɛm a obiara kae no, me de no na ɛto asom pa ara.

Ɛhyɛ nkuran pa ara sɛ ɛmfa ho tebea a wokɔɔ mu nyinaa no, wode hokwan no dii afoforo adanse!

Bere a kɔɔto ahorow a yɛde asɛm no kɔdan wɔn nyinaa bɔɔ asɛm no gui na Kazakhstan Kɔɔto Kɛse no nso bɔɔ asɛm gui no, na ayɛ sɛ yɛrentumi mfa mmara kwan so nyɛ biribiara bio.

Nanso wɔde krataa bi maa wo sɛ fa wo nsa hyɛ ase fa kyerɛ sɛ woayɛ bɔne na woanu wo ho. Ná ɛyɛ hokwan a anka ɛbɛma wɔayi wo afi afiase. Wubetumi aka ho asɛm kakra akyerɛ yɛn ne nea enti a woamfa wo nsa anhyɛ ase?

TA: Ampa, wɔde saa krataa no bae mpɛn pii sɛ memfa me nsa nhyɛ ase. Wohwɛ no aniani a, na ayɛ sɛ ayamye bi a wɔreda no adi akyerɛ me, nanso na ɛnte saa ankasa. Mede me nsa hyɛɛ ase a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ sobo a wɔabɔ me no yɛ nokware na masrɛ sɛ wɔmfa nkyɛ me. Akyiri yi, wɔkaa sɛ m’ankasa menkyerɛw bɔne a mayɛ na mensrɛ sɛ wɔmfa nkyɛ me. Atumfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛw sɛ midii mfomso sɛ mekaa me gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo na ɛyɛ me yaw sɛ meyɛɛ saa, na m’akwahosan nti, wonyi me mfi afiase hɔ.

Mannye antom sɛ mayɛ bɔne a wɔreka no mu biara. Enti meka kyerɛɛ atumfoɔ no sɛ, mepɛ sɛ mede ahonim pa da afiase sen sɛ wobeyi me na m’ahonim ahaw me.

Yɛn ani sɔ gyidi ho nhwɛso pa a woayɛ ne ahonim pa a wukuraa mu no.

Ne nyinaa mu no, biribi a yɛnhwɛ kwan sii. Ka kyerɛ yɛn. Ɛyɛɛ dɛn na wotee sɛ wɔde asɛm no akyɛ wo na wobeyi wo afi afiase?

TA: Da bi, ɔpanyin a ɔhwɛ yɛn so no baa me dan mu bɛka kyerɛɛ me sɛ obi gyina fon so pɛ sɛ ɔne me kasa. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Hena na wafrɛ me yi?’ Mefaa fon no, ɔbea bi ne me kasae na ɔkaa sɛ ɔbɛba afiase hɔ abeyi me. Nokwasɛm ni, asɛm no tɔɔ me so. Enti bere a ɔde fon no too so no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ me babarima efisɛ na mempɛ sɛ mitu me yere koma anaa mema onya anidaso hunu.

Bere a mede fon no too hɔ ara na polisini a ɔhwɛ me so no bisaa me sɛ, ‘Dɛn na ɔka kyerɛɛ wo?’ Mekaa sɛ, ɛyɛ me sɛ obi pɛ sɛ odi me ho fɛw, efisɛ ɔbea a me ne no kasae no se ɔreba abeyi me afi afiase.

Mark Sanderson, Akwankyerɛ Kuw no muni, ne Teymur ne Mafiza Akhmedov, bere a woyii Onua Akhmedov fii afiase no.

Polisini no kaa sɛ ɛnyɛ agorɔ na ɔredi na mmom nea ɔkae no yɛ nokware.

Mafiza, bere a wotee saa anigyesɛm no, ɛkaa wo sɛn?

MA: Bere a me babarima no ka kyerɛɛ me no, ɛyɛɛ me sɛ ɔredi agorɔ, efisɛ na yɛatwɛn akyɛ!

Teymur kɔdaa mu bɛboro afe, enti yɛhwɛ a, bere a ɔsan baa fie no, anigye a munyae de yɛnka!

Mo gyidi ho sɔhwɛ a moahyia yi, dɛn na moasua afi mu?

MA: Sɛ mekae Onua Bahram [Hemdemov] ne [Onuawa] Gulzira Hemdemov asɛm no a, na m’ani atetɛw. [Turkmenistan aban mpanyimfo kyeree Onua Hemdemov March 2015. Wodii atoro kaa sɛ “ɔhyɛ ɔsom mu basabasayɛ ho nkuran.” Wɔ May 19, 2015 no, wɔkaa sɛ ɔnkɔda afiase mfe nnan. Ɔda so ara da afiase.] Ansa na wɔrekyere Teymur no, na midwen ɛyaw a Gulzira refa mu no ho pa ara. Seesei de, mepɛ sɛ mebɔ n’abaw so na mema no ayekoo. Esiane nea me ne Teymur afa mu nti, mɛhyɛ Gulzira nkuran efisɛ yaw a ɔrefa mu no, mete ase. Minim sɛ sɛnea mede me ho to mmoa a Yehowa ne yɛn nuanom de ma yɛn so no, saa ara na ɔno nso reyɛ.

M’ani sɔ mmoa a m’asafo mufo, anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa, Akwankyerɛ Kuw no, alɔyafo ne yɛn mma de maa yɛn no pa ara.

Wei yɛ bere a woyii Onua Akhmedov fii afiase. Okura krataa ɛkyerɛ sɛ wɔde ne ho akyɛ no.

TA: Asɛm a metumi aka ara ne sɛ, obiara betumi ahyia sɔhwɛ. Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɛkɔ akɔda afiase. Nea ebinom refa mu ne sɛ wɔn abusuafo a wɔnyɛ adansefo rehaw wɔn. Afoforo nso, ebia anuanom bi wɔ wɔn asafo mu a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne wɔn bɛbɔ. Ɛmfa ho ɔhaw anaa sɔhwɛ biara a yɛbɛkɔ mu no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si gyinae sɛ ɔde Onyankopɔn nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma anaa ɔremfa nyɛ adwuma. Sɛ yɛde nnyinasosɛm no yɛ adwuma a, yebetumi adi tebea no ho dwuma. Sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no, ɛsɛ sɛ yegye tom na yɛkae sɛ Yehowa bɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano.

Meda m’abusua ne me mma a wogyinaa m’akyi no ase pa ara. Hokwan a wobenya biara no, na wɔbɛsra me. Wei boaa me na ɛhyɛɛ me den.

Afei, biribiara a anuanom yɛ de boaa me no, meda wɔn ase. Mpae a wɔbɔ maa me ne nkrataa a emu nsɛm hyɛ nkuran a wɔkyerɛwee no nyinaa, m’ani sɔ pa ara. Mante nka da sɛ mayɛ ankonam. Nea ɛtoo me no ama ɔdɔ a mewɔ ma anuanom no ayɛ kɛse, na ama me ne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den.