Kɔ emu nsɛm afã hɔ

OCTOBER 23, 2018
NIGERIA

Osubran Atɔ Wɔ Nigeria Ama Nsu Ayiri Pa Ara

Osubran Atɔ Wɔ Nigeria Ama Nsu Ayiri Pa Ara

Osubran a atɔ wɔ Nigeria nti, nsu ayiri pa ara wɔ ɔman no mfinimfini ne anafo fam. Asubɔnten akɛse mmienu a ɛwɔ ɔman no mu a ɛne Benue ne Niger abu afa so ma nnipa mpempem pii atu afi wɔn afie, na ama nnipa bɛboro 100 nso awuwu.

Amanneɛbɔ a edi kan a yɛn nsa aka no kyerɛ sɛ, yɛn nua biara nwui na obiara nso mpirae. Nanso adawurubɔfo bɛyɛ 2,000 na nsuyiri no atu wɔn afi wɔn afie, na wɔn mu bɛboro 1,000 na wohia mmoa. Anuanom dodow no ara a woguan fii wɔn afie no anya baabi atena wɔ nuanom afoforo a wɔtete mmeae a atoyerɛnkyɛm no bi ansi hɔ afie.

Wɔatew Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu sɛ wɔmmoa anuanom ma wɔn nsa nka nea wohia, na afei wɔmfa Bible mu nsɛm nkyekye wɔn werɛ. Nigeria Baa Boayikuw no mu nnipa mmienu ne ɔmansin sohwɛfo ne anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea ne Adansi Dwumadibea akɔsra anuanom a wɔwɔ beae a atoyerɛnkyɛm no asi no ahyɛ wɔn nkuran.

Ɛwom sɛ atoyerɛnkyɛm yi de ahokyere aba, nanso yɛn soro Agya Yehowa da so ara yɛ yɛn “ahohia bere mu guankɔbea.”—Dw 37:39.