Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 8, 2017
RUSSIA

Ɔmampanyin Putin De Abatete Ho Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo

Ɔmampanyin Putin De Abatete Ho Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo

NEW YORK​—May 31, 2017 no, Russia Mampanyin Vladimir Putin de “Abasobɔde a Wɔde Hyɛ Awofo Anuonyam” maa Valeriy ne Tatiana Novik. Wɔyɛ Yehowa Adansefo a wofi Karelia, na wɔatete mma nwɔtwe. Wɔyɛɛ saa dwumadi no wɔ Moscow Abankɛse (Kremlin) mu.

Dwumadi yi kɔɔ so wɔ Moscow Abankɛse (Kremlin) mu, da a ade rebɛkye ama wɔadi International Children’s Day.

“Abasobɔde a Wɔde Hyɛ Awofo Anuonyam” yi fii ase May 2008. Ɔmampanyin a na odi ade saa bere no na ɔde ne nsa hyɛɛ ase sɛ wɔnyɛ. Russia aban no de saa abasobɔde yi ma awofo a wɔatete mmofra nson anaa nea ɛboro saa. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ awofo a wɔn ani ku wɔn abusua akwahosan ne wɔn nhomasua ho pa ara, na wɔatumi aboa abusua no ma wɔanyin kama wɔ nipadua mu, adwene mu, ne abrabɔ fam. Wobu mmusua a wɔde saa abasobɔde yi ma wɔn no sɛ wɔyɛ nhwɛso pa, na afoforo betumi ahwɛ wɔn asuasua wɔn ama wɔn nso mmusua anya nkɔso.

Ɔmampanyin Putin de “Abasobɔde a Wɔde Hyɛ Awofo Anuonyam” no rema Valeriy Novik a ɔwɔ mma nwɔtwe no.

David A. Semonian a ɔyɛ Yehowa Adansefo kasamafo wɔ wɔn adwumayɛbea ti no kaa abasobɔde no ho asɛm sɛ: “Saa abasobɔde yi, yebu no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible a Yehowa Adansefo de kyerɛkyerɛ nkurɔfo a wonnye sika biara no, ɛboa awofo ne mmofra ma wɔyɛ ɔman mma pa wɔ baabi a wɔwɔ biara, na ɛnyɛ Russia nkutoo. Gyinae a Russia Aban no asi sɛ wɔbɛtɔn Yehowa Adansefo Adwumayɛbea a ɛwɔ Russia no, July 17, 2017 na Asɛnnibea Kunini no bɛsan asusuw ho. Yɛrehwɛ kwan sɛ saa da no, abasobɔde yi a Ɔmampanyin Putin de maa Yehowa Adansefo no, wɔremmu wɔn ani ngu so.”

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

David A. Semonian, Office of Public Information, +1-845-524-3000