Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SEPTEMBER 2, 2020
RUSSIA

Wɔde Onua Sergey Britvin Ne Onua Vadim Levchuk Akogu Afiase Mfe Nnan Wɔ Russia

Wɔde Onua Sergey Britvin Ne Onua Vadim Levchuk Akogu Afiase Mfe Nnan Wɔ Russia

September 2, 2020 no, wodii Onua Sergey Britvin ne Onua Vadim Levchuk asɛm wɔ Berezovsky Kurow no Kɔɔto a ɛwɔ Kemerovo Mantam mu. Kɔɔto no se wɔmfa wɔn nkogu afiase mfe nnan. Kwaadubɔfo no mpo de, na ɔpɛ sɛ kɔɔto no ma wɔn mfe nsia ne fã. Anuanom yi bɛsan de asɛm no akɔdan kɔɔto no.