Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 26, 2017
RUSSIA

Russia Aban Mpanyimfo De Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo a Denmarkni a Ɔda Afiase Ka Ho Esiane Adwuma Pa a Wɔyɛ De Boaa Wɔn Mpɔtam Hɔfo Nti

Russia Aban Mpanyimfo De Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo a Denmarkni a Ɔda Afiase Ka Ho Esiane Adwuma Pa a Wɔyɛ De Boaa Wɔn Mpɔtam Hɔfo Nti

Krataa a Oryol aban mpanyimfo no kyerɛwee: “Yɛda mo ase wɔ adwuma pa a moayɛ de aboa mpɔtam ha.”

NEW YORK​—June 2, 2017 no, Russia aban mpanyimfo a wɔwɔ Oryol kurow mu maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no abasobɔde. Afe biara wosiesie kurom hɔ, na April 22, 2017 no, Adansefo no boa ma wosiesiee hɔ. Ɛno nti na wɔbɔɔ wɔn aba so no. Adansefo 70 na wotuu wɔn ho mae de da mũ no nyinaa sesaw nwura wɔ Oryol mmɔnten so. Afei, Asubɔnten Orlik a ɛda kurom hɔ nso, woyiyii mu nwura. Aban mpanyimfo no de akyɛde ketewa bi ne krataa a wɔde wɔn nsa akyerɛw nsɛm bi agu so maa Adansefo no de daa wɔn ase. Krataa no mu nsɛm bi ni: “Yɛda mo ase wɔ adwuma pa a moayɛ de aboa mpɔtam ha.”

Nanso bere a wosiesiee kurom hɔ wiei no, bosome baako akyi, May 25 no, wɔkyeree Dennis Christensen (ne mfonini na ɛwɔ nifa so wɔ soro hɔ no) too afiase. Ná ɔka Adansefo a wotuu wɔn ho mae no ho. Saa bere no, na ɔwɔ Kristofo nhyiam ase, na na aka nnawɔtwe ama aban mpanyimfo a wɔwɔ kurom hɔ abɔ Adansefo no aba so wɔ adwuma pa a wɔyɛe no ho. Wɔkae sɛ ɔsɛe nkurɔfo adwene. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia no, aban mpanyimfo no de saa asɛm koro yi ara teetee wɔn sɛ wɔsɛe nkurɔfo adwene.

Dennis Christensen reboa ma wɔasiesie kurow mu wɔ October 2011.

David A. Semonian a ɔyɛ kasamafo wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no kae sɛ: “Wɔn a wonim Yehowa Adansefo de, ɛnyɛ wɔn nwonwa sɛ Dennis ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu tuu wɔn ho mae siesiee kurom hɔ. Wɔde mfe pii na ayɛ saa adwuma yi. Bere mpo a wɔbaraa asafo no faa ɛho biribiara wɔ afe 2016 mu no, wɔkɔɔ so yɛɛ saa adwuma yi. Wonim Yehowa Adansefo a wɔwɔ Oryol ne nkurow ahorow a ɛwɔ wiase baabiara sɛ wɔyɛ ɔman mma pa. Aban mpanyimfo a wɔwɔ Oryol bɔɔ Dennis aba so sɛ ɔyɛ Kristoni mmɔdenbɔfo a odi mmara so na wayɛ adwuma pa de aboa ne mpɔtam hɔfo. Ɛno akyi bere tiaa bi na wɔkɔkyeree no te sɛ obi a ɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Wohwɛ a ntease wom? Yehu sɛ, ɛsɛ sɛ wogyaa Dennis ntɛm ara na ama watumi ne ne nuanom asom wɔ asomdwoe mu na wɔakɔ so ayɛ adwuma pa de aboa mpɔtam hɔfo no.”

June 14, 2016 no, wɔbaraa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Oryol no na wɔfaa ɛho nneɛma nyinaa. Bɛyɛ afe akyi na wɔkyeree Owura Christensen. Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛbɛn St. Petersburg wɔ Russia no, April 20, 2017 no, Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Russia no sii gyinae sɛ wɔntɔn wɔn nneɛma nyinaa. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na wɔbɔɔ Owura Christensen kwaadu. Aban mpanyimfo no de Owura Christensen ato afiase wɔ Oryol a besi nnɛ a wonnii n’asɛm.

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

David A. Semonian Office of Public Information, +1-845-524-3000