Kɔ emu nsɛm afã hɔ

FEBRUARY 23, 2018
RUSSIA

Oryol Asɛnnibea Hyɛe Sɛ Wɔmfa Dennis Christensen Nto Afiase Nkosi Bere a Wobedi N’asɛm

Oryol Asɛnnibea Hyɛe Sɛ Wɔmfa Dennis Christensen Nto Afiase Nkosi Bere a Wobedi N’asɛm

February 22, 2018 no, Ɔtemmufo Aleksey Rudnev, a ɔwɔ Zheleznodorozhniy Mantam Asɛnnibea a ɛwɔ Oryol no, sii gyinae sɛ Dennis Christensen nkɔ so nna afiase nkosi bere a wobedi n’asɛm wɔ August 1, 2018. Wɔabɔ Owura Christensen sobo sɛ nyamesom kuw bi a wobu no sɛ ɛsɛe nkurɔfo adwene no, ɔka wɔn a wɔhyɛ akyi no ho. Bere bi, polisifo kɔtow hyɛɛ Kristofo bi a na wɔahyiam resom so wɔ May 2017 na wɔkyeree Owura Christensen.

February 19 no, wofii ase dii Owura Christensen asɛm. Bere a ɔtemmufo no hwehwɛɛ afanu no nyinaa nsɛm mu wiei no, wansi gyinae biara, na otuu asɛm no hyɛɛ da. Nanso, bere a wɔsan tenaa asɛm no so February 22 no, nsɛm a mmaranimfo a ogyina Owura Christensen akyi de too gua nyinaa, ɔtemmufo no bɔ gui, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nto afiase nkosi sɛ wɔbɛsan afrɛ no adi n’asɛm. Wɔabɔ Owura Christensen sobo sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo, enti ɔtemmufo no kae sɛ wɔbɛsan atena asɛm no so wɔ February 26, awia 2:30.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa dwen Owura Christensen ho, na wɔbɔ mpae sɛ ne yere Irina ntumi nnyina pintinn bere a ne kunu nka ne ho no. Wɔde Owura Christensen ato afiase abosome nkron dedaw a wɔnhyɛɛ da nsii no pi sɛ wɔredi n’asɛm.