Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NOVEMBER 29, 2018
RUSSIA

Wiase Aman Pii Taa Dennis Christensen Akyi

Wiase Aman Pii Taa Dennis Christensen Akyi

Onua Dennis Christensen gyidi nti wada afiase bɛboro nnafua 525 na wɔde no akɔ kɔɔto bɛyɛ mpɛn 50. Zheleznodorozhniy Mantam Kɔɔto a ɛwɔ Oryol, Russia, a wɔredi Dennis asɛm no ahyɛ sɛ wɔnsan mfa no mmra kɔɔto December mu. Ɛwom sɛ wada afiase akyɛ de, nanso Dennis da so ara wɔ anigye na ɔwɔ ahotoso sɛ nneɛma bɛkɔ yiye. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa kura no mu, na mpae a anuanom a wɔwɔ wiase afanan nyinaa rebɔ no, Yehowa retie.

Dennis nuanom Yehowa Adansefo bebree a wɔwɔ Russia ne aman afoforo so ayeyɛ mfoni ne kaad akɔma no de akyerɛ sɛ wɔdɔ no na wɔtaa n’akyi. Bere a wɔsan de Dennis kɔɔ kɔɔto October 30 no, adaka a wɔde no gyinaa mu no, na anim yɛ ahwehwɛ enti wohwɛ mu a na wuhu no. Enti ɔde kaad ne mfoni a na mmofra de abrɛ no no bi fomfam ahwehwɛ no anim de kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtaa n’akyi no.

Wei yɛ bere a na kɔɔto resan adi Dennis Christensen asɛm wɔ October 30, 2018 no. Bere a kɔɔto no kɔɔ ahomegye no, ɔde nkrataa a ebinom de abɛhyɛ no den no fomfam adaka a na ogyina mu no anim.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ne wiase aman ahorow nso ani di Dennis asɛm no akyi pa ara. Wɔ July 21, 2017 no, adwumakuw bi a ɛwɔ Moscow a wɔfrɛ no Memorial Human Rights Centre gye too mu sɛ Dennis da afiase efisɛ ɔsom a ɔdɔm no, aban no nnye ntom. Wɔ June 20, 2018 no, Russia Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no srɛe Prosecutor General’s Office no sɛ, wɔnsan nhwehwɛ sobo a wɔde abɔ Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo no mu. September 26, 2018 no, United States Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔsom Hokwan a Nnipa Wɔ So no gye toom sɛ Dennis “ahonim ne ne som nti na ɔda afiase.”

Russia aban kaa no pen wɔ kɔɔto sɛ, aban no nsa a wɔde ato Yehowa Adansefo nneɛma so no nkyerɛ sɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom wɔn Nyankopɔn no wɔagye afi wɔn nsam. Nanso polisifo ne aban mpanyimfo binom abu wɔn ani agu saa asɛm yi so na wɔakyinkyim mmara no agyina so akyere Dennis ne afoforo pii abɔ wɔn sobo sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ “dwumadi a sɛe nkurɔfo adwene” mu. Afe yi nko ara, Russia polisifo abɔ awura Yehowa Adansefo bebree afie mu akɔhwehwɛ hɔ. Saa bere yi, wɔde anuanom 25 agu afiase, 18 nso wɔahyɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wopue fi wɔn afie mu kɔ baabiara, na wɔagye hokwan bi nso afi anuanom bɛboro 40 nsam. Sɛnea Dennis asɛm no bewie no na ɛbɛkyerɛ nea ɛbɛto Yehowa Adansefo 90 a wɔwɔ Russia amantam bɛyɛ 30 mu no. Nhwehwɛmu a wɔreyɛ afa wɔn ho sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo no, wɔn nyinaa retwɛn nea ebefi mu aba.

Yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkɔ so asrɛ Yehowa sɛ yɛn nuanom adɔfo a wɔn gyidi nti wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo no, ɔnhyɛ wɔn den. Yɛrehwɛ kwan denneennen sɛ da bi Yehowa bɛhwɛ ma ‘wɔabu atɛntrenee’ ama yɛn nuanom no.—Luka 18:7.