Kɔ emu nsɛm afã hɔ

DECEMBER 27, 2018
RUSSIA

Russia Kɔɔto Abɔ Arkadya Akopyan a Wadi Mfe 70 Sobo

Russia Kɔɔto Abɔ Arkadya Akopyan a Wadi Mfe 70 Sobo

Yawda, December 27 no, ɔtemmufo Oleg Golovashko a ɔyɛ adwuma wɔ Prohladniy Mantam Kɔɔto a ɛwɔ Russia de Onua Arkadya Akopyan atemmu too gua. Onua Akopyan adi mfe 70 na na ɔpam ade. Kɔɔto no kaa sɛ ɔmfa nnafua nnum nyɛ adwuma mfa nsom kurow no. Wosii saa gyinae efisɛ wose Onua Akopyan ama nnipa bi a wɔnyɛ Yehowa Adansefo akyekyɛ nhoma a ɛsɛe nkurɔfo adwene. Ntease biara nni sobo a wɔde abɔ yɛn nua yi mu.

Ɛwom sɛ wɔamfa Onua Akopyan anto afiase, nanso asotwe a wɔde ama no no tia nnipa ahofadi koraa. Wei nti ɔde asɛm no bɛkɔ akɔdan kɔɔto kɛse.

Nnawɔtwe kakra a edi yɛn anim no, yɛrehwɛ kwan sɛ kɔɔto bɛtena Onua Dennis Christensen asɛm no so. Yɛn nuanom a esiane wɔn gyidi nti wɔakyere wɔn agu afiase wɔ Russia no, yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa bɛkɔ so akyekye wɔn werɛ na waboa wɔn.—2 Tesalonikafo 2:16, 17.