MAY 1, 2018
RUSSIA
Asɛm a Yɛsan De Kɔɔ Asɛnnibea Sɛnea Ɛbɛyɛ a Wɔrennye Yɛn Kan Baa Dwumadibea a Ɛwɔ Russia No
December 2017 no, Russia aban dii asɛm tiaa yɛn na wɔatumi agye yɛn kan Baa Dwumadibea a ɛwɔ Russia no. Nanso yɛde asɛm no san kɔɔ asɛnnibea. Enti May 3, 2018, ɛbɔ anɔpa 11:30 a, Saint Petersburg Asɛnnibea bɛsan atena asɛm no so. Sɛ wɔsan di asɛm no tia yɛn a, Russia aban no betumi agye yɛn adan 14 no a ɔrentwentwɛn so koraa.