Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MAY 23, 2018
RUSSIA

Wiase Aman Akasa Atia Ateetee a Russia Aban De Yehowa Adansefo Refa Mu

Wiase Aman Akasa Atia Ateetee a Russia Aban De Yehowa Adansefo Refa Mu

Ateetee a Russia aban no de Yehowa Adansefo refa mu no, European Union ne United States nyinaa aka ho asɛm sɛ ɛhaw adwene. Russia aban no kaa sɛ Yehowa Adansefo agyapade a wɔde wɔn nsa ato so no, ɛrenka ahofadi a Ɔdanseni biara wɔ sɛ ɔde nea ogye di bɛbɔ ne bra. Nanso nea European Union ne United States aka no kyerɛ sɛ nea Russia aban kae no nyɛ nokware. European Union kaa sɛ “ɛsono nea Russia aban aka, ɛnna ɛsono nea ɔreyɛ.” Bere a United States nso de nea Russia aban kae totoo sɛnea ɔne Yehowa Adansefo redi ho no, ohui sɛ nea Russia aban kae no, “ɛnyɛ ɛno na ɔreyɛ.”

Russia aban de mmarima nwɔtwe a wɔyɛ Yehowa Adansefo agu afiase, na seesei mpo wɔabɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ nsɛmmɔnedifo, na wogu so reyɛ yɛn nsɛm 12 mu nhwehwɛmu wɔ nkurow 11 so. Wogu so ara regyigye yɛn agyapade na ɛhaw yɛn. Nanso nea ɛhaw yɛn pa ara ne ateetee a wɔde yɛn nuanom Kristofo refa mu esiane wɔn gyidi nti.

Russia aban no wɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw ɔsom a ɔde ne ho behyem ne nea ɔpɛ sɛ ogye di. Enti nea Russia aban aka yi, European Union ne United States nyinaa atwe n’adwene asi so sɛ ɔmfa nyɛ adwuma.

Address a ɛbɛma woahu baabi a nsɛm no fi:

https://www.osce.org/permanent-council/381820

https://www.osce.org/permanent-council/381823