Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 28, 2018
SOUTH KOREA

Korea Asɛnnibea a Ɛhwɛ Amammu Mmara So No De Asɛntitiriw Bi Ato Gua: Sɛ Obi Tiboa Mma No Kwan Sɛ Ɔnkɔ Sraadi Anaa Ɔnyɛ Nnwuma a Ɛfa Sraadi Ho a, Etia Mmara Sɛ Ɔman No Nni Nhyehyɛe a Ɛbɛma Onii No Ayɛ Adwuma Foforo

Korea Asɛnnibea a Ɛhwɛ Amammu Mmara So No De Asɛntitiriw Bi Ato Gua: Sɛ Obi Tiboa Mma No Kwan Sɛ Ɔnkɔ Sraadi Anaa Ɔnyɛ Nnwuma a Ɛfa Sraadi Ho a, Etia Mmara Sɛ Ɔman No Nni Nhyehyɛe a Ɛbɛma Onii No Ayɛ Adwuma Foforo

South Korea abakɔsɛm nyinaa mu no, June 28, 2018 ne bere a edi kan a Asɛnnibea a Ɛhwɛ Amammu Mmara So no de too gua sɛ, Korea Sraadi Ho Mmara anaa MSA (Korea’s Military Service Act) no, ne fã bi tia mmara. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ obi tiboa mma no kwan sɛ ɔnkɔ sraadi anaa ɔnyɛ nnwuma a ɛfa sraadi ho a, nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛma onipa a ɔte saa ayɛ adwuma foforo. Mfe 65 ni na wɔn a wɔn tiboa mma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ sraadi anaa wɔnyɛ nnwuma a ɛfa sraadi ho no, atumfoɔ no agyina MSA mmara no so de wɔn agu afiase. Enti saa asɛm a wɔde ato gua yi bɛboa pa ara, efisɛ ebetumi asesa saa mmara no.

Efi 1953 no, wɔde yɛn nuanom mmarima bɛboro 19,300 na agu afiase. Woka mfe a wɔde ada afiase no bom a, ɛboro 36,700. Seesei, Asɛnnibea a Ɛhwɛ Amammu Mmara So gyinaesi no, Asɛnnibea Kunini no betumi agyina so de asi gyinae afa ankorankoro a wɔn tiboa mma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ sraadi anaa wɔnyɛ nnwuma a ɛfa sraadi ho no. Bio nso, wɔn a wɔn tiboa mma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ sraadi anaa wɔnyɛ nnwuma a ɛfa sraadi ho no, asodi da Korea mmarahyɛfo so sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wonya adwuma foforo yɛ ansa na December 31, 2019 atwam.

Yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ Korea nyinaa ani agye sɛ wɔde nhyehyɛe agu akwan mu a ɛbɛma atɛnkyea a akɔ so mfe bebree yi to atwa.—Mmebusɛm 15:30.