Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NOVEMBER 30, 2018
SOUTH KOREA

Wɔayi Anuanom a Wogu Afiase Wɔ Korea No

Wɔayi Anuanom a Wogu Afiase Wɔ Korea No

Korea baa dwumadibea no bɔɔ amanneɛ sɛ November 30, 2018 no, woyii anuanom 57 fii afiase ma wɔsan kɔkaa wɔn abusuafo ho. Nea asi yi na na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa rehwɛ kwan denneennen, enti ɛbaa saa no, wɔn ani gyei pa ara, na wɔde ho ayeyi nyinaa ma Yehowa sɛ wɔama wɔanya ne nhyira ne n’anim dom.—Numeri 6:24-26.

Aka anuanom nwɔtwe a wɔda so gu afiase. Wɔde wɔn guu afiase sɛ anka wontwa afe ne fã. Nanso yɛrehwɛ kwan sɛ, sɛ wonya twa abosome nsia wɔ afiase hɔ a, wobeyi wɔn. Yɛkae saa anuanom yi wɔ yɛn mpaebɔ mu.

Anuanom a wɔayi wɔn no asan akɔka wɔn awofo ho (benkum, nifa). Nsɛnkyerɛwfo rebisabisa onua bi asɛm wɔ abɔnten (mfinimfini).