Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtaa a anuanom rehyia no mu ayɛ den wɔ mmeae ahorow bi wɔ Donetsk ne Luhansk, ɛwɔ Ukraine apuei fam. May 30, 2018 mu no, Ahenni Asa bi a ɛwɔ Luhansk no, wokowiaa emu nneɛma, bubuu no twaa ogya too mu.

OCTOBER 15, 2018
UKRAINE

“Donetsk People’s Republic” Abara Yehowa Adansefo

“Donetsk People’s Republic” Abara Yehowa Adansefo

September 26, 2018 no, Asɛnnibea Kɛse a ɛwɔ “Donetsk People’s Republic” (DPR) no de too gua sɛ Yehowa Adansefo som no sɛe nkurɔfo adwene. Enti wɔabara Yehowa Adansefo som no wɔ ɔman no mu. Bere a wɔredi asɛm no, kwaadubɔfo no ne kɔɔto no anto nsa amfrɛ Yehowa Adansefo mpo ma wɔammeyi wɔn ho ano. Wofitii ara na wɔde too gua sɛ wɔabara Yehowa Adansefo. Ɔtaa a wɔde aba Yehowa Adansefo so wɔ ɔman no mu no, seesei de, nea akowie ne sɛ wɔabara ɔsom no.

Wɔ afe 2017 mu hɔ no, DPR Asɛnnibea Kɛse no de too gua sɛ yɛn nhoma ahorow no bi sɛe nkurɔfo adwene. Efi saa bere no, ɔhaw a anuanom refa mu no agye nsam koraa wɔ mmeae ahorow te sɛ Donetsk ne Luhansk a ɛwɔ Ukraine apuei fam no. Wɔ saa afe no ara mu, polisifo bisabisaa Adansefo bɛboro 170 nsɛm. Aban mpanyimfo a wɔwɔ saa mmeae yi agye Ahenni Asa ahorow. Eduu August 29, 2018 no, na wɔagye Ahenni Asa mmaako mmaako 16.

Ɔtaa a yɛn nuanom no rehyia nyinaa akyi no, anuanom no akɔ so de wɔn ho ato “nkwagye Nyankopɔn” no so.—Dwom 18:46.