Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JUNE 27, 2017
UNITED KINGDOM

Yehowa Adansefo Kɔyɛɛ Nkurɔfo Mmoa Bere a Ogya Kɛse Bi Tɔɔ London Dan Bi Mu

Yehowa Adansefo Kɔyɛɛ Nkurɔfo Mmoa Bere a Ogya Kɛse Bi Tɔɔ London Dan Bi Mu

June 14, 2017 anadwo dasum no, ogya kɛse bi tɔɔ Grenfell Tower mu. Ɛyɛ abansoro a ɛtoa so 24 wɔ North Kensington, London. Yehowa Adansefo reboa wɔn a wɔn ho akã no. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ anyɛ hwee koraa no, nnipa bɛyɛ 79 na wowuwui.

Wokoyii Adansefo nnan fii baabi a atoyerɛnkyɛm no sii no. Wɔn mu mmienu de, Grenfell Tower no mu ankasa na na wɔte. Anigyesɛm ne sɛ Adansefo nnan no mu biara ho anka, nanso adan a ogya no hyew no dwerɛbee no, na wɔn de no ka ho. Adansefo a wɔte bɛn baabi a atoyerɛnkyɛm no sii no maa wɔn afipamfo ne wɔn mmusuafo a wɔn ho kãe no aduan, ntade, ne sika. Afei nso, wɔn a wɔahwere wɔn abusuafo wɔ North Kensington mpɔtam hɔ no, Adansefo no de Bible mu asɛm rekyekye wɔn werɛ.

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

International: David A. Semonian, Office of Public Information, +1-845-524-3000

Britain: Andrew Schofield, +44-20-8906-2211