Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Galatifo 6:9—“Mommma Yɛmmmrɛ Papayɛ Mu”

Galatifo 6:9—“Mommma Yɛmmmrɛ Papayɛ Mu”

 “Sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw, efisɛ yɛampa abaw a, bere a ɛsɛ mu, yebenya so akatua.”—Galatifo 6:9, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Galatifo 6:9, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Galatifo 6:9 Kyerɛ

 Ɔsomafo Paul hyɛ Kristofo nkuran sɛ, nneɛma a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa no, wɔnkɔ so ara nyɛ saa nneɛma no. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛnde wɔbetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn akatua.

 “Mommma yɛmmpa abaw.” Saa asɛm yi, yebetumi asan akyerɛ ase “mommma yɛmmmrɛ.” Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase “mommma yɛmmpa abaw” no, ebetumi nso akyerɛ sɛ obi remma n’aba mu mmu anaa ɔremma n’anigye nsɛe. Bere a ɔsomafo Paul kaa sɛ “mommma yɛmmpa abaw” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɔno nso, asɛm no fa ne ho. Ná ɔreka sɛ ɔno nso, ɛtɔ da a na n’aba mu tumi bu.—Romafo 7:21-24.

 “Adepa” a Bible ka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ɛyɛ ade biara a ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ de som Onyankopɔn. Nea ɛka ho bi ne nneɛma a Kristoni yɛ de boa ne nuanom Kristofo ne afoforo.—Galatifo 6:10.

 “Yɛampa abaw a, bere a ɛsɛ mu, yebenya so akatua.” Asɛm “yebenya so akatua” no, wɔsan kyerɛ ase, “yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.” Paul kaee wɔn a wɔbɛkenkan kyerɛwsɛm yi sɛ, sɛ okuani dua ade a, egye bere ansa na nnɔbae no anyin. Saa ara na sɛ yɛyɛ papa nso a ɛte; ebetumi agye bere ansa na yɛahu ɛso mfaso. Ka a Paul kaa ‘aba a wɔtwa’ ho asɛm wɔ nkyekyɛm 9 mu no, ɔde twee adwene sii nokwasɛm a na wadi kan akyerɛw wɔ nkyekyɛm 7 no so. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ Kristoni bi yɛ adepa wɔ Onyankopɔn anim a, obenya akatua kɛse. Ebi ne daa nkwa.—Romafo 2:6, 7; Galatifo 6:8.

Nea Galatifo 6:9 Kyerɛ

 Ɔsomafo Paul kyerɛw krataa yi kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Galatia bɛyɛ afe 50 kosi afe 52 no. Ná ebinom kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso na wɔrekyinkyim nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Enti Paul kyerɛw saa krataa yi de kɔbɔɔ nsɛm a na wɔrekeka no gui. (Galatifo 1:6, 7) Saa akyerɛkyerɛfo atorofo yi, na wɔkyerɛ sɛ, Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa tete Israelfo no, ɛsɛ sɛ Kristofo di so bi. (Galatifo 2:15, 16) Paul kyerɛɛ mu sɛ, na Mose Mmara no awie n’adwuma, enti na ɛho nhia sɛ Onyankopɔn asomfo di so.—Romafo 10:4; Galatifo 3:23-25.

 Bere a Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnkɔ so ‘nyɛ adepa’ no, na ɛnyɛ Mose Mmara no na na ɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nni so. Mmom, na ɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnni Kristo mmara’ no so. Kristo mmara no, ebi ne Yesu nkyerɛkyerɛ biara a ɛfa papa a yɛbɛyɛ afoforo ho.—Galatifo 6:2; Mateo 7:12; Yohane 13:34.

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Galatifo nhoma no ani so.