Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Luka 1:37—“Efisɛ Onyankopɔn Fam De, Biribiara Nni Hɔ a Ɛrentumi Nyɛ Hɔ”

Luka 1:37—“Efisɛ Onyankopɔn Fam De, Biribiara Nni Hɔ a Ɛrentumi Nyɛ Hɔ”

 “Efisɛ asɛm biara nni hɔ a Onyankopɔn aka a, ɛremma mu.”—Luka 1:37, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.”—Luka 1:37, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Luka 1:37 Kyerɛ

 Nneɛma bi wɔ hɔ a, nnipa fam de, yehu no sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. Nanso ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de, otumi yɛ ne nyinaa. Sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa ɔhyɛ bɔ a, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw no kwan a ɛremma ontumi nyɛ.

 Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “asɛm” no betumi akyerɛ “nea obi aka.” Enti wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ɛkyerɛ nea Onyankopɔn aka. Ebetumi nso akyerɛ nea afi Yehowa a Nyankopɔn asɛm a ɔkae mu aba. Esiane sɛ Onyankopɔn anom asɛm ba mu bere nyinaa nti, yebetumi akyerɛ Luka 1:37 ase wɔ kwan foforo so sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn de, otumi ade nyinaa yɛ,” anaa “Efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ yiye.” Saa nkyerɛase yi nyinaa ma yenya nokwasɛm koro no ara a Greek kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm no. Ɛne sɛ: Onyankopɔn asɛm anaa ne bɔhyɛ biara nni hɔ a ɛremma mu, efisɛ otumi ade nyinaa yɛ.—Yesaia 55:10, 11.

 Wohwɛ Bible mu a, wubehu nsɛm foforo a ɛfoa so sɛ ampa Onyankopɔn bɔhyɛ nni huammɔ. Nhwɛso bi ni. Yehowa nam ne bɔfo so hyɛɛ nkɔm sɛ, Abraham yere Sara a na ontumi nwo no bɛwo wɔ ne mmerewabere mu. Onyankopɔn ka kaa ho sɛ: “Biribi wɔ hɔ a ɛboro Yehowa so anaa?” (Genesis 18:13, 14) Bere a agya panyin Hiob dwinnwen Onyankopɔn abɔde ho kɔɔ akyiri no, ɔkaa sɛ: “Biribiara a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no, wubetumi ayɛ.” (Hiob 42:2) Afei nso, bere bi, na Yesu akyidifo bi adwene yɛ wɔn sɛ, nea Onyankopɔn pɛ sɛ obi yɛ na ama wanya nkwagye no, wɔrentumi nyɛ. Enti Yesu kaee wɔn sɛ, “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”—Mateo 19:25, 26. b

Luka 1:37 Ho Nsɛm

 Ɔbɔfo a ne din de Gabriel na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Luka 1:37 no. Ɔka kyerɛɛ Yudani baabun bi a ne din de Maria. Ná Gabriel adi kan aka akyerɛ Maria sɛ ɔbɛwo “Ɔsorosoroni no Ba,” na ɛsɛ sɛ ‘ɔto ne din Yesu.’ Gabriel kaa sɛ, Onyankopɔn Ahenni a ebedi tumi afebɔɔ no, Yesu na ɔbɛyɛ ɛso Hene.—Luka 1:26-33; Adiyisɛm 11:15.

 Maria bisaa ɔbɔfo no sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a waka no aba mu, efisɛ na ɔnwaree, na na ‘ɔne ɔbarima nnae.’ (Luka 1:34, 35) Gabriel buaa no sɛ, Onyankopɔn nam ne honhom kronkron anaa ne tumi a ɔde yɛ ade no so bɛma asɛm a waka no aba mu. Saa bere no, na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ ɔbɔfo a ɔte soro. Enti Yehowa nam ne honhom kronkron no so yii ne Ba no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yam. (Yohane 1:14; Filipifo 2:5-7) Enti Maria nyinsɛnee anwanwakwan so. Nea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi mu gyidi a Maria wɔ no mu bɛyɛ den no, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ, nnansa yi ara ne busuani Elisabet anyinsɛn ɔbabarima “wɔ ne mmerewabere mu.” Ná Elisabet ne ne kunu Sakaria nni ba, efisɛ na Elisabet ntumi nwo. (Luka 1:36) Ɔbabarima a wɔwoo no no, ɔno ne Yohane Suboni. Yehowa dii kan kaa ɔsom adwuma a na Yohane Suboni nso bɛyɛ.—Luka 1:10-16; 3:1-6.

 Bere a ɔbɔfo Gabriel kaa Elisabet ho asɛm kyerɛɛ Maria wiei no na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Luka 1:37 no. Ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Elisabet ho asɛm na na ɛwɔ ɔbɔfo no adwene mu. Yehowa asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso, asɛm a ɛwɔ Luka 1:37 no ma wɔnya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so adi ne bɔhyɛ ahorow so. Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ no bi ne sɛ, obeyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na wama ne Ba, Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no adi nnipa so wɔ trenee mu.—Daniel 2:44; 7:13, 14.

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Luka nhoma no ani so.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?

b Nsɛm foforo a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nni huammɔ da no, ebi wɔ Numeri 23:19; Yosua 21:45; 1 Ahene 8:56; Hiob 37:5; Dwom 135:6; Yeremia 32:17; Daniel 4:35.