Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Mmebusɛm 17:17—“Adamfo Dɔ Bere Nyinaa Mu”

Mmebusɛm 17:17—“Adamfo Dɔ Bere Nyinaa Mu”

“Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Mmebusɛm 17:17 Kyerɛ

 Adamfo pa ne nea wutumi gye no di na wutumi de wo ho to ne so. Nnamfo pa te sɛ obi ne ne nua a baako nkɔ nnyaw ne yɔnko. Obiara dwen ne yɔnko ho, na odi nokware ma ne yɔnko, titiriw bere a nneɛma nkɔ yiye.

 “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.” Saa asɛm yi, wɔbetumi asan akyerɛ ase “nnamfo ma wɔn yɔnko hu wɔn dɔ bere nyinaa.” Hebri kasa a wɔkyerɛɛ ase “dɔ” wɔ saa asɛm yi mu no, ɛnyɛ atenka bi a obi nya ma ne yɔnko nipa kɛkɛ. Mmom, ɛyɛ ɔdɔ kann a obi de ne nneyɛe da no adi kyerɛ ne yɔnko nipa. (1 Korintofo 13:4-7) Nnamfo a wɔdɔ wɔn ho saa no, sɛ mente-me-ho-ase bi ba wɔn ntam, anaa wɔhyia wiase yi mu haw bi a, ɛntetew wɔn ntam. Sɛ wɔn mu bi fom ne yɔnko a, obiara yi ne yam de kyɛ ne yɔnko korakora. (Mmebusɛm 10:12) Sɛ nneɛma kɔ yiye ma nnamfo no baako a, ne yɔnko no ani mmere no. Mmom no, ɔne n’adamfo no bom di ahurusi.—Romafo 12:15.

 “Ɔyɔnko berɛbo de, . . . ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.” Anuanom, kyerɛ sɛ, nnipa a wɔfi maame baako papa baako no, wɔn ntam tumi yɛ kama ara ma mframa mfa wɔn ntam mpo. Ɛno na wɔhwɛɛ ho buu saa bɛ yi. Enti sɛ yɛn adamfo refa ɔhaw bi mu, na yɛyɛ nea yebetumi biara de boa no a, na yɛreyɛ yɛn ade sɛnea anka ne nuabarima anaa ne nuabea bɛyɛ. Ayɔnkofa a ɛte saa no, ɔhaw biara rentumi ntetew mu. Mmom, bere biara a wɔbehyia ɔhaw no, ɔdɔ ne obu a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no yɛ kɛse, na ɛma wɔn ayɔnkofa no mu yɛ den.

Mmebusɛm 17:17 Ho Nsɛm

 Mmebusɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no ka nyansasɛm ntiantiaa a emu dɔ paa, na ɛma obiara a ɔkenkan no dwen kɔ akyiri. Ɔhene Solomon na ɔkyerɛw nsɛm no mu fã kɛse no ara. Sɛnea na wɔtaa kyerɛw anwensɛm wɔ Hebri kasa mu no, saa ara na Solomon hyehyɛɛ mmebusɛm no. Wanyɛ no nnidiso nnidiso kɛkɛ. Mmom ebi wɔ hɔ a, ɔhyehyɛɛ no sɛ, sɛ ɔka asɛm bi a, na waka asɛm foforo atoa so de afoa so. Ebi nso de, ɔka asɛm bi a, na waka asɛm foforo a ɛne no bɔ abira atoa so. Nea wɔka asɛm bi a, na wɔaka asɛm foforo atoa so de afoa so no, ɛho nhwɛso ne Mmebusɛm 17:17. Nea ne fã a edi kan ka no, ne fã a ɛtɔ so mmienu no ka bi foa so. Nanso Mmebusɛm 18:24 sei de, ɛyɛ nea wɔka asɛm bi a, na wɔaka asɛm foforo a ɛne no bɔ abira atoa so no bi. Ɛhɔ ka sɛ: “Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a, obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no, na adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”

 Bere a Solomon rekyerɛw Mmebusɛm 17:17 no, ebia nea na ɛwɔ ne tirim ne sɛnea na ne papa Dawid ne Ɔhene Saul ba Yonatan yɛ nnamfo a wɔbɔ kosua tafere no. (1 Samuel 13:16; 18:1; 19:1-3; 20:30-34, 41, 42; 23:16-18) Ɛwom sɛ na Dawid ne Yonatan nyɛ obi ne ne nua de, nanso na mframa mfa wɔn ntam koraa. Ná Yonatan ayɛ krado sɛ, sɛ ɛba sɛ onwu mma n’adamfo kumaa Dawid mpo a, na obewu ama no. a

Akwan Foforo a Wɔakyerɛ Mmebusɛm 17:17 Ase

 “Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu, wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.”—Akuapem Twi Nkwa Asɛm.

 “Adamfo wɔ hɔ ma n’adamfo daa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa da hia da.”—The Moffatt Translation of the Bible.

 “Adamfo de, bere nyinaa ɔyɛ n’ade sɛ adamfo; abɛbrɛsɛ nti na wɔwoo onua [a ɔte saa].”—The Complete Jewish Study Bible.

 Hwɛ video tiatia yi, na wubehu Mmebusɛm nhoma no ani so.

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho.”