Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yeremia 11:11—“Mede Bɔne . . . Mereba Wɔn So”

Yeremia 11:11—“Mede Bɔne . . . Mereba Wɔn So”

“Enti nea Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mede mmusu bi reba wɔn so a wɔrentumi nguan. Na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.’”—Yeremia 11:11, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Enti sɛ Awurade se ni: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfi mu mereba wɔn so, na sɛ wosũ frɛ me a, merentie wɔn.”—Yeremia 11:11, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yeremia 11:11 Kyerɛ

 Asɛm a ɛwɔ Yeremia 11:11 no, Onyankopɔn na ɔkae. Yudafo a na wɔwɔ odiyifo Yeremia bere so no na ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Esiane sɛ Yehowa a dɔ Yudafo no nti, ɔmaa wɔn mmara a ɛbɛma wɔayɛ adetrenee, na ɔnam n’adiyifo so teɛɛ wɔn so. Nanso Yudafo no antie, na wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ hwee. Enti Yehowa nso kaa sɛ, nsunsuanso bɔne a ebefi wɔn nneyɛe mu aba no, ɔrennye wɔn mfi mu.—Mmebusɛm 1:24-32.

 “Enti nea Yehowa aka ni.” Asɛmfua “enti” no kyerɛ sɛ, asɛm a na wɔadi kan aka no, ɛne nea na wɔrebɛka no bom anaa ɛtoa so. Yehowa kaa asɛm bi kyerɛɛ ne nkurɔfo wɔ Yeremia 11:1-10. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, apam a ɔne wɔn agyanom yɛe no, wɔabu so. (Exodus 24:7) Yudafo no gyaw Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no hɔ kɔsom ahoni. Esiane sɛ Yudafo no twee wɔn ho fii Yehowa ho kɔsom anyame foforo nti, wɔyɛɛ bɔne ahorow nyinaa bi, na wɔde wɔn mma mpo bɔɔ afɔre!—Yeremia 7:31.

 “Hwɛ, mede mmusu bi reba wɔn so.” Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma biribi si a, Bible taa ka sɛ ɔno na ɔyɛe. Wei ba asɛm yi mu sɛn? Bere a Yehowa nkurɔfo twee wɔn ho fii ne ho kɔsom atoro anyame no, wɔamfa n’akwankyerɛ pa no anyɛ adwuma. Wei kɔfaa amanehunu yayaayaw baa wɔn so. Afei nso, wei ma wɔhweree ahobammɔ a na Onyankopɔn de ma wɔn no. Enti Babilon hene a ɔyɛ Yudafo no tamfo a ne ho yɛ den no dii Yerusalem so nkonim, na ɔsoaa emufo kɔɔ obi man so. Atoro anyame a Yudafo no de wɔn werɛ hyɛɛ wɔn mu no antumi annye wɔn.—Yeremia 11:12; 25:8, 9.

 Esiane sɛ Onyankopɔn maa kwan maa saa nneɛma bɔne no too ne nkurɔfo no nti, ebia obi bɛka sɛ Onyankopɔn nteɛ, anaa ɔyɛ ɔbɔnefo. Nanso, Yakobo 1:13 ka sɛ: “Obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Ɛwom sɛ Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe no ka wɔ Yeremia 11:11 sɛ, Onyankopɔn ‘de bɔne bɛba Yudafo no so.’ Nanso tete kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu no, b asɛm a ebinom kyerɛɛ ase “bɔne” no, wɔtumi san kyerɛ ase “mmusu” anaa “amanehunu.” Ɔhaw a ɛtoo Yudafo no, nsɛmfua “mmusu” ne “amanehunu” mmom na etumi kyerɛ mu yiye.

 “Sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn.” Nnipa a ‘mogya ayɛ wɔn nsam ma,’ ne wɔn a wɔde wɔn ho to atoro anyame so no, Yehowa ntie wɔn mpaebɔ. (Yesaia 1:15; 42:17) Nanso, nkurɔfo a wɔayɛ bɔne na wɔanu wɔn ho wɔ wɔn komam, na wɔbrɛ wɔn ase san ba ne nkyɛn no, otie wɔn.—Yesaia 1:16-19; 55:6, 7.

Yeremia 11:11 Ho Nsɛm

 Afe 647 ansa na Yesu reba na Yehowa frɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɛyɛ ne diyifo. Yeremia de mfe 40 bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ Onyankopɔn atemmu reba wɔn so. Nanso, wɔsisii wɔn aso. Saa bere no na Odiyifo Yeremia kyerɛw asɛm a ɛwɔ Yeremia 11:11 no. Ewiee ase no, nkɔm a Yeremia hyɛe no baa mu wɔ afe 607 ansa na Yesu reba. Saa bere no na Babilonfo sɛee Yerusalem.—Yeremia 6:6-8; 39:1, 2, 8, 9.

 Yeremia nhoma no, ɛnyɛ atemmusɛm nko ara na ɛwom, na mmom ɛma anidaso nso. Yehowa kaa sɛ, ‘Sɛ mfe 70 no ba awiei wɔ Babilon a, ɛbɔ a mehyɛe sɛ mɛsan de mo aba ha [kyerɛ sɛ, Yudafo asaase so] no, mɛma aba mu.’ (Yeremia 29:10) Yehowa ‘maa saa bɔhyɛ no baa mu’ afe 537 ansa na Yesu reba, bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no. Yehowa maa ne nkurɔfo a na wɔtete Babilon asaase so no san kɔɔ wɔn kurom, na wɔsan kɔmaa nokwaresom so bio.—2 Beresosɛm 36:22, 23; Yeremia 29:14.

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Yeremia nhoma no ani so.

a Wɔ Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛ Hebri nkyerɛwde nnan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din no ase “Yehowa.” Nanso wohwɛ Bible bebree mu a, wubehu sɛ wɔayi Onyankopɔn din no afi mu, ɛnna wɔde abodin “Awurade” ahyɛ anan. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a ɛte saa a, kenkan asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?

b Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no, kasa a wɔdii kan de kyerɛwee yɛ Hebri kasa ne Aram kasa.