Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yeremia 33:3—“Frɛ Me, Na Megye Wo So”

Yeremia 33:3—“Frɛ Me, Na Megye Wo So”

 “Frɛ me, na megye wo so, na mayɛ krado sɛ mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.”—Yeremia 33:3, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.”—Yeremia 33:3, Akuapem Twi Nkwa Asɛm.

Nea Yeremia 33:3 Kyerɛ

 Onyankopɔn nam saa asɛm yi so too nsa frɛɛ nnipa sɛ yɛmmɔ no mpae. Ɔkaa sɛ, wɔn a wɔbegye nsa a ɔreto afrɛ yɛn no so na wɔabɔ no mpae no, ɔbɛka nea ebesi daakye akyerɛ wɔn.

 “Frɛ me, na megye wo so.” Asɛm a ɛne “frɛ me” no, ɛnkyerɛ sɛ obi nteɛm mmɔ Onyankopɔn din kɛkɛ. Mmom, ɛha no, frɛ a obi bɛfrɛ Onyankopɔn no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔbɛbɔ no mpae asrɛ no sɛ ɔmmoa no, na ɔnkyerɛ no kwan.—Dwom 4:1; Yeremia 29:12.

 Ɛbɛyɛ sɛ tete Israel man no na Onyankopɔn too nsa frɛɛ wɔn saa no. Ná saa ɔman no adan wɔn akyi akyerɛ Onyankopɔn. Ɛno nti, na Babilon asraafo rebɛtow ahyɛ wɔn so. (Yeremia 32:1, 2) Yehowa a ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, wɔmmɔ no mpae mfa nkyerɛ sɛ wɔresan aba ne nkyɛn.

 “Mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.” Nneɛma a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ obeyi no adi akyerɛ no, ɛyɛ nneɛma a ‘yɛnte ase’ (anaasɛ, yɛn adwene rentumi nnu ho). Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ nnipa twe yɛn mu tann ne bɛten yɛ pɛ mpo a, yɛrentumi nte saa nneɛma no ase da! Asɛm, “nneɛma a wonte ase” no, wɔtumi kyerɛ ase nso sɛ “nneɛma a wɔde asie.”

 “Nneɛma a wɔde asie” bɛn na na Onyankopɔn beyi no adi akyerɛ? Ɛyɛ nsɛm bi a na ebesisi daakye. Ɛne sɛ, na wɔbɛsɛe tete Yerusalem kurow no ama ada mpan, na akyiri yi, wɔasan akyekye ama nnipa atena mu bio. (Yeremia 30:1-3; 33:4, 7, 8) Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn san hyɛɛ bɔ sɛ, ne man Israel de, wɔn ase rentɔre.—Yeremia 32:36-38.

Yeremia 33:3 Ho Nsɛm

 Yehowa de asɛm a ɛwɔ Yeremia ti 33, nkyekyɛm 3 no maa odiyifo Yeremia wɔ afe 608 ansa na Yesu reba. Saa bere no, na ɛyɛ Ɔhene Sedekia ahenni afe a ɛtɔ so 10. Ná Yeremia adi kan ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem, na Sedekia nso, wɔbɛkyere no akɔ obi man so. Ɔhene Sedekia ani annye asɛm a Yeremia kae no ho, enti ɔma wɔkyeree Yeremia too afiase.—Yeremia 32:1-5; 33:1; 37:21.

 Bere a nneɛma wei rekɔ so no na Onyankopɔn too nsa frɛɛ ne man, a ɛho asɛm wɔ Yeremia 33:3 no. Awerɛhosɛm ne sɛ, Ɔhene Sedekia ne Israelfo dodow no ara kɔɔ so yɛɛ Yehowa so asoɔden. (Yeremia 7:26; 25:4) Wɔammɔ Onyankopɔn mpae amfa anhwehwɛ n’akwankyerɛ. Afe akyi no, Babilonfo tuu Sedekia fii ade so, wɔsɛee Yerusalem kurow no, na Israelfo a wɔnyaa wɔn ti didii mu no, wɔkyeree wɔn mu dodow no ara de wɔn kɔɔ Babilon.—Yeremia 39:1-7.

 Nsɛm a ɛwɔ Yeremia 33:3 no, obiara a ɔbɛkenkan no, ɛkae no sɛ, wɔn a wɔbɔ Onyankopɔn mpae na wɔsua n’Asɛm Bible no, Onyankopɔn betumi ama wɔanya “n’apɛde ho nokware nimdeɛ,” na wayi “nneɛma a emu dɔ” adi akyerɛ wɔn. (Kolosefo 1:9; 1 Korintofo 2:10) Nneɛma a emu dɔ no, ebi ne nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no daakye.—Adiyisɛm 21:3, 4.

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Yeremia nhoma no ani so.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?