Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?

Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?

 Wo nnamfo aka akyerɛ wo sɛ nnawɔtwe awiei yi wɔreto paati, enti ɛyɛ a bra bi. Ɛnna wubisaa w’awofo sɛ wubetumi akɔ bi anaa? Nea wɔkae ara ne sɛ, “Daabida.” Anyɛ wo nwanwa, efisɛ bere bi a wosrɛɛ kwan no, saa ara na wɔka kyerɛɛ wo.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Adɛn nti na sɛ mibisa biribi fi m’awofo hɔ a, da biara nea wɔka ara ne daabi?

 Sɛ daa wubisa biribi na w’awofo mpene a, anhwɛ a wubenya adwene sɛ wɔmpɛ sɛ wugye w’ani koraa.

 Ababaa bi a ne din de Marie nyaa saa adwene no. Bere a edi kan a n’awofo tɔɔ fon maa no no na onyaa saa adwene no. Marie kaa sɛ: “Me papa hyehyɛɛ mmara bebree wɔ fon no ho maa me. Ebi ne sɛ, wubetumi atwe app wei, wei de, hwɛ na woantwe; wubetumi afrɛ asomasi, na ɔbenten de, mmɔ wo ho mmusu; wobɛyɛ kɔɔl a, hwɛ sɛ na woanyɛ no anadwo dasum. Nanso, me nnamfo de, na wɔtumi yɛ nea wɔpɛ biara!”

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wohwɛ a, ɛyɛ ampa sɛ na Marie papa mpɛ sɛ obegye n’ani anaa? Ɛdɛn bio na wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Marie papa hyehyɛɛ saa mmara no?

Mmirika a mmara ma kwan sɛ wubetumi de wo kar atu no, ɛtew wo fahodi so kakra, nanso ɛbɔ wo ho ban na asiane biara anto wo. Saa ara na mmara a w’awofo hyehyɛ ma wo no nso te

 Sɔ wei hwɛ: Fa no sɛ, wo na woyɛ ɔwofo, ɛnna wo ba a ɔyɛ ɔbabun anya fon. Ɛdɛn na anka ɛbɛyɛ wo dadwen? Mmara bɛn na anka wobɛhyehyɛ afa fon no ho de abɔ wo ba no ho ban? Sɛ mmara a woahyehyɛ no nti wo ba no ka sɛ, wahu sɛ wompɛ sɛ obegye n’ani a, dɛn na anka wobɛka?

 “Asɛm a na me papa taa ka ne sɛ, ‘Fa no sɛ wo ba ne me.’ Bere a mefaa no sɛ me papa yɛ me ba no, ɛboaa me ma mihuu mfaso a ɛwɔ mmara a ɔhyehyɛe no so ne nea enti a ɔhyehyɛe. Sɛ mewɔ mma a, mmara a me papa pɛ sɛ midi so nnɛ no, anka ɛno ara bi na mɛhyehyɛ ama wɔn.”—Tanya.

 Dɛn na mɛyɛ na sɛ mibisa biribi fi m’awofo hɔ a, wɔayɛ ama me?

 Mɛnyɛ wei: Ɛnsɛ sɛ wotetew wo ho gu wɔn so, wo ne wɔn yiyi nsɛm ano, anaa wo ne wɔn gye akyinnye.

 “Nteɛteɛm de, enkosi hwee. Ɛsan ma wo ne w’awofo nyinaa brɛ. Sɛ wo ne w’awofo gye akyinnye a, wɔbɛfa no sɛ wukura nkwadaa adwene, enti wonsoe sɛ wɔgyaa wo ma woyɛ nea wopɛ.”—Richard.

 Yɛ wei mmom: Sɛ w’awofo ka biribi a, mpere wo ho nyi ano. Mmom, bisa wo ho sɛ, adɛn nti na m’awofo reka saa? Ɛyɛ wo na wɔnnye wo nni anaa? Anaa ɛyɛ baabi a worekɔ no ne nnipa a wo ne wɔn rekɔbɔ no na wɔwɔ ho asɛm? Adɛn na wonto wo bo ase ne wɔn nsusuw asɛm no ho nhwɛ nea enti a wɔmpene so?

 “Mahu sɛ mmara a m’awofo ahyɛ ama me biara, adwempa na wɔde yɛ saa. Ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔtena m’anigye so, na mmom wɔpɛ sɛ migye m’ani a ɛrenkɔfa asɛm biara mmrɛ me daakye. Ɛno ne anigye papa paa.”—Ivy.

 Bible mu afotusɛm: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo de, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.”—Mmebusɛm 29:11.

 Mɛnyɛ wei: Mɛnyɛ ade nsie w’awofo.

 “Me papa kaa nneɛma bi a ɔmpɛ sɛ mede me fon bɛyɛ, nanso nea ɔkaa sɛ mma menyɛ no, mefaa kwan bi so yɛe. Ɔkaa sɛ ɛnsɛ sɛ mesɛnde-sɛnde me nnamfo tɛs mɛsegye anadwo, nanso na miwia me ho yɛ. Ɔkaa sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɔmpɛ sɛ mɛtwe agu me fon so, nanso meyɛɛ nwaa twe guu so. Ebewie ase no, na wakyere me. Ɛba saa a na wamia mmara no mu, efisɛ afei de na onnye me nni bio. Sɛ w’awofo ka asɛm, na wofa akyiri yɛ nea wopɛ a, enye koraa.”—Marie.

 Yɛ wei mmom: Ma w’awofo nhu sɛ, wɔma wo mmara a, wubedi so. Woyɛ saa a, ɛbɛma wɔagye wo adi.

 “Nya abotare. Ebia ɛbɛkyɛ kakra ansa na w’awofo asesa mmara a wɔde ama wo no mu. Nanso mmara a wɔde ama wo dedaw no, sɛ wɔhu sɛ woredi so a, ebia ɛbɛma wɔapene so ama woayɛ nneɛma bi a na anka wɔmma kwan.”—Melinda.

 Bible mu afotusɛm: “Muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu.”—Kolosefo 3:20.

 Mɛnyɛ wei: Mɛnhyɛ w’awofo. Mɛnka nkyerɛ wɔn sɛ, w’ayɔnkofo de, wɔn awofo ma wɔyɛ nea wɔpɛ biara, enti wɔn nso mma wonyɛ saa ara.

 “Sɛ wode nea worehwehwɛ no guan w’awofo ho saa ara a, ɛremmoa wo, na nea worehwehwɛ no nso, worennya.”—Natalie.

 Yɛ wei mmom: Dwumadi krataa a yɛato din “Reasoning on the Rules” no, sua. Wei bɛboa wo ama woahu sɛnea wo ne w’awofo bɛbɔ mmara a wɔhyehyɛ ma wo no ho nkɔmmɔ.

 “Ɔwofo biara pɛ sɛ ohu sɛ ne ba betumi asisi gyinae pa. Enti sɛ me ne m’awofo rekasa a, mebɔ mmɔden sɛ merenkasa abufuw so anaa meremmɔ me hwene. Mmom, mekyerɛkyerɛ m’asɛm mu ma emu da hɔ. Meyɛ saa a, ɛkɔ yiye paa.”—Joseph.

 Bible mu afotusɛm: “Di wo papa ne wo maame ni.”—Efesofo 6:2.