Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ M’awofo Mma Me Kwan Mma Menkɔ Sohyia Midia So a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ M’awofo Mma Me Kwan Mma Menkɔ Sohyia Midia So a, Menyɛ Dɛn?

 Wohwɛ w’atipɛnfo a, asɛ obiara wɔ sohyia midia so, na wɔhyia biara a, ɛno ara na wɔka ho asɛm. Nanso wo de, wunni so bi, enti ɛyɛ a wɔserew wo sɛ w’ani mmuei. Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu fa saa asɛm yi ho? Na dɛn na wubetumi ayɛ afa ho?

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Hu sɛ ɛnyɛ wo nko ara. Awofo bebree na ɛmma wɔn mma kwan mma wɔnkɔ sohyia midia so. Adɛn ntia? Ebia wɔnim sɛ sohyia midia tumi kɔfa ɔhaw a edidi so yi ba:

  •   etumi ma obi nya adwene mu yare a yɛfrɛ no depression, na etumi ma adwinnwen hyɛ obi so.

  •   wokɔ sohyia midia so a wutumi kopue aguamansɛm so, na obi mpo betumi de ɛho nsɛm ne ɛho mfoni asɛnde wo. Nkurɔfo nso betumi asisi wo, na wɔbetumi nso adi w’ani wɔ hɔ.

  •   etumi kɔfa mente-me-ho-ase a ɛho nhia ba nnamfo ntam.

 Mmerante ne mmabaa bebree wɔ hɔ a, wɔn ankasa ayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenkɔ sohyia midia so. Wɔn ankasa tenaa ase hui sɛ, sohyia midia akɔyɛ ne ho ɔdomfo-kumfo; ɛho haw dɔɔso sen mfaso a ɛwɔ so. Wo de, ma yɛnka wɔn mu bi ho asɛm:

  •   Priscilla behui sɛ, sohyia midia ayɛ sɛ korɔmfo bi a ɔhyɛ ne dan mu. Bere a anka ɔde bɛyɛ adepa no, ewiawia ne nyinaa.

  •   Jeremy nso behui sɛ, ɔkɔ sohyia midia so a, nneɛma a ohu no, bebree nye. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ɔyɛe ara sɛ ɔbɛma nneɛma a enye no agyae ba, nanso obehui sɛ, woreguan koraa a, na edi w’akyi.

  •   Bethany nso se, eduu baabi no obehui sɛ, sohyia midia nti nea nkurɔfo reyɛ nko ara na ɔde n’ani di akyi.

 “Meyɛɛ m’adwene sɛ meyi sohyia midia app no afi me fon so. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ meyɛɛ saa. Seesei biribiara ntwetwe me mpo sɛ menkɔ so. Na minya bere nso de yɛ nneɛma a ehia me paa wɔ abrabɔ mu.”—Sierra.

 “Eduu baabi no mibehui sɛ sohyia midia agye me abɔ so. Afei nso ɛtɔ da na sɛ mede ade to sohyia midia so a, na meredwen ho sɛ, ‘Dɛn na nkurɔfo bɛka afa saa ade yi ho?’ Wobɛhwɛ na ɛno nso agyaw me tipae. Bere a mereyi sohyia midia app no afi me fon so no, na ɛyɛ me yaw sɛ kuru, nanso miyi fii so wiei ara pɛ, wobɛka sɛ wɔayi adesoa bi afi me so. Seesei me ara mitumi hu sɛ m’asom adwo me paa.”—Kate.

Nea wubetumi ayɛ

 Di w’awofo mmara no so. Mmara a wɔde ama wo no, nkasakasa ho, na mma wo bo mmfuw. Sɛ wobrɛ wo ho ase tie wɔn a, wɔbehu sɛ worenyin.

 Bible mu afotusɛm: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo de, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.”—Mmebusɛm 29:11.

 Ebia ebinom bɛka akyerɛ wo sɛ wia wo ho kɔ sohyia midia so; mma w’awofo nnhu. Wɔbetumi nso aka sɛ fa din foforo kɔ so, na obiara anhu sɛ ɛyɛ wo a. Nanso ɛnsɛ sɛ woyɛ bi da! Sɛ wuwia wo ho kɔ sohyia midia so a, wubehu sɛ da biara na wo yam hyehye wo sɛ anhwɛ a na yɛakyere wo. Wowɔ hɔ ara nso a, na w’ahonim rehaw wo. Na sɛ w’awofo behu akyi nso de a, ɛnde na woanya asɛm. Ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbegye wo adi.

 Bible mu afotusɛm: “Efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.

 Mma ɛnnkɔyɛ sɛ obi na ɛrehyɛ wo. Mmerante ne mmabaa a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, wɔtenaa ase hui sɛ, nneɛma baako mmienu bi nti, wɔrenkɔ sohyia midia so. Wo nso wubetumi ayɛ saa. Sɛ wubehu sɛ sohyia midia remmoa wo a, gyae so kɔ. Ma ɛnyɛ wo ara wo gyinaesi, na ɛnyɛ sɛ w’awofo na ɛrehyɛ wo sɛ nkɔ so. Sɛ woyɛ saa na sɛ w’atipɛnfo bisa wo nea enti a wunni sohyia midia so a, ɛnyɛ afei na worebɛka sɛ me maame anaa me papa na ose mma mennkɔ so. Wokɔka saa a, anhwɛ a wɔbɛserew wo.

 Nea yɛreka akosi: Wo ne w’awofo nyɛ adwene. Pɛ biribi a mo adwene hyia wɔ ho. Ɛba saa a, ɛrenkɔyɛ sɛ wɔn na ɛrehyɛ wo, na mmom wo ara nso, saa na wopɛ no. Sɛ woankɔ sohyia midia so seesei a, worenwu.