Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

M’awofo Regyae Aware—Dɛn Na Menyɛ?

M’awofo Regyae Aware—Dɛn Na Menyɛ?

 Nneɛma a ɛhaw mmabun adwene paa no, baako ne sɛ wɔn awofo begyae aware. Awerɛhow a awaregyae no ama woredi no, dɛn na wobɛyɛ na anhyɛ wo so?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Nneɛma mmiɛnsa a ɛnsɛ sɛ woyɛ

 1. Mfa no sɛ wo na woakɔfa ɔhaw no aba

 “Bere bi, me maame ka kyerɛɛ me sɛ, bere a wɔwoo me no na ɔhaw a ɛbaa ɔne me papa ntam no nyinaa fii ase. Enti mefaa no sɛ, sɛ ɛnyɛ me a, anka wɔannyae aware.”—Diana.

 Ma wei ntena wo tirim: Ɛnyɛ wo nti na w’awofo regyae aware. Ɛyɛ nsɛmnsɛm bi na aba wɔn ntam ntia. Ɔhaw a aba wɔn ntam no, ɛnyɛ wo na wokɔfa bae, enti ɛnyɛ wo na wubetumi asiesie. Nea enti a wɔregyae aware no, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm.

 “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”—Galatifo 6:5.

 2. Mfa abufuw nhyɛ wo mu

 “Me bo afuw me papa paa sɛ ɔkɔfaa ɔbea foforo. Ɛbɛyɛ den paa sɛ megye no adi bio”—Rianna.

 Ma wei ntena wo tirim: Nea ɛrekɔ so wɔ w’awofo ntam no nti, ebia wo bo afuw, na woayɛ basaa. Sɛ saa a, ɛnyɛ nwanwa. Nanso, sɛ wokɔ so de abufuw hyɛ wo mu a, ɛremmoa wo. Ebetumi agyaw wo adwinnwen na abɔ wo yare. Ɛno nti na nkurɔfo taa ka sɛ, sɛ obi de abufuw hyɛ ne mu a, ɛte sɛ nea obi ho ahi nti, ɔrenom awuduru na ɔrehwɛ kwan sɛ saa nipa a ne bo afuw no no mmom na ɔbɛyare. a

 “Mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan.”—Dwom 37:8.

 3. Nnya adwene sɛ, sɛ woware a ɛrenkɔ yiye

 “Misuro paa sɛ anhwɛ a mɛyɛ nea me papa yɛe no bi. Me yam hyehye me sɛ, sɛ meware na mewo mma a, anhwɛ a na nea ɛmaa m’awofo gyaa aware no bi ato me.”—Jessica.

 Ma wei ntena wo tirim: Sɛ w’awofo aware ankɔ yiye a, ɛnkyerɛ sɛ wo nso woware a ɛrenkɔ yiye. Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi asua nneɛma pa pii afi nea ɛtoo w’awofo no mu. Ebi ne sɛ, ɛbɛma wode w’ani ato fam ahwɛ sɛ, suban a wopɛ no, ɔbarima anaa ɔbea a wopɛ sɛ woware no no, ɔwɔ bi anaa. W’awofo aware a ankɔ yiye no, nea ebetumi de aba no bi ne sɛ, ɛbɛma woanya suban bi a ebetumi ama woayɛ okunu pa anaa ɔyere pa.

 “Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te.”—Galatifo 6:4.

Sɛ w’awofo gyaa aware, na sɛ wote wo ho ase a, ɛte sɛ nea wo dompe mu abu na ɛde nkakrankakra reka asi anim. Ɛyaw a woredi seesei no, bere bi akyi, ebefi wo mu

 Nneɛma mmiɛnsa a wubetumi ayɛ

 1. Mfa nsɛm nhyɛ wo mu. Nkurɔfo a sɛ nsɛm haw wɔn a wɔnka nkyerɛ obiara no, wɔtaa yɛ nneɛma a ɛsɛe wɔn abrabɔ. Ebi ne sɛ, wɔwe nsã, anaa wɔnom nnubɔne. Ɛnsɛ sɛ woyɛ saa, mmom yɛ nea edidi so yi:

 Wo ne w’awofo nkasa. Sɛ wo papa anaa wo maame, anaa wɔn mmienu nyinaa pɛ sɛ wɔtwetwe wo kɔ wɔn awaresɛm no mu a, tew w’anim na to wo bo ase ka kyerɛ wɔn sɛ, nea wɔreyɛ no, ɛhaw wo paa. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyina wɔn anim aka nea ɛhaw wo no akyerɛ wɔn a, wubetumi akyerɛw krataa ama wɔn mu baako, anaa wɔn mmienu nyinaa.

 Wo ne w’adamfo bi a wugye no di nkasa. Sɛ wunya obi a ɔbɛyɛ aso atie wo a, ɛno nko ara tumi ma wo koma tɔ wo yam. Bible ka sɛ, “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

 Ka w’asɛm kyerɛ Ɔbɔadeɛ no. Yehowa Nyankopɔn, ɔno ne “mpaebɔ Tiefo” no, na wayɛ krado bere nyinaa sɛ obetie wo. (Dwom 65:2) Bible ka sɛ, wubetumi ‘atow wo dadwen nyinaa agu no so, efisɛ odwen wo ho.’—1 Petro 5:7.

Bisa wo ho sɛ:

  •   Wo papa ne wo maame, wɔn mu hena na wubetumi atew w’anim ato wo bo ase ne no akasa?

  •   Nkurɔfo a wohwɛ a wɔbetumi aboa wo ama woagyina wo haw no ano no, w’adamfo a wugye no di (ebetumi ayɛ wo tipɛn anaa obi a n’ani afi) bɛn na wubetumi de no aka ho?

  •   Nsɛm pɔtee bɛn na wubetumi aka wɔ wo mpaebɔ mu?

 2. Mmere dan a, dan wo ho bi

 Sɛ w’awofo gyaa aware a, ebia wobɛkɔ akɔtena ofie foforo mu, akɔ sukuu foforo, anya nnamfo foforo, na sika a wɔde ma wo no nso, ebia ɛso bɛtew. Ɛba saa a, ebetumi ama woayɛ basaa na agyaw wo adwinnwen, na ebetumi ama woate nka sɛ wo wiase nyinaa adan abutuw. Nsakrae a aba wɔ w’asetena mu yi, ɛdɛn na ɛbɛboa wo na anhaw wo pii? Asetena foforo a woakɔ mu no, ma w’ani nsɔ, na bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi nneɛma a ɛbɛma w’ani aka so.

Bisa wo ho sɛ:

  •   Bere a w’awofo gyaa aware no, nsakrae kɛse bɛn na na ɛsɛ sɛ woyɛ?

  •   Nsakrae a aba no, ɛdɛn na wubetumi ayɛ na aboa wo?

 “Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ nea mewɔ.”—Filipifo 4:11.

 3. Hu suban pa a wowɔ

 Sɛ w’awofo gyaa aware a, ebetumi agyaw wo adwinnwen. Nanso, ebetumi aboa wo ama woahu suban pa a wowɔ. Ebetumi mpo aboa wo ama woanya suban pa foforo aka nea wowɔ no ho. Jeremy awofo gyaa aware no, na wadi mfe 13. Ɔka sɛ: “Bere a m’awofo gyaa aware no, ɛma mitumi yɛɛ nneɛma bi boaa me ho ne m’abusua.” Ɔka kaa ho sɛ: “Esiane sɛ me na meyɛ m’awofo ba a odi kan nti, na ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de boa me maame, na meboa me nuabarima kumaa nso.”

Aware a w’awofo agyae no, nea ebetumi de aba no bi ne sɛ, ɛbɛma woabɔ wo ho mmɔden wɔ fie nnwuma mu

Bisa wo ho sɛ:

  •   Ɛwom sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ w’awofo ntam de, nanso suban pa bɛn na ɛno ama woahu sɛ wowɔ?

  •   Suban ahorow bɛn na wopɛ sɛ wunya?

 “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma . . . nneɛma ateɛteɛ.”—2 Timoteo 3:16.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “How Can I Control My Anger?” (“Mɛyɛ Dɛn Adi M’abufuw So?”)