2 Ahene 10:1-36

10  Ná Ahab wɔ mmabarima aduɔson+ wɔ Samaria.+ Enti Yehu kyerɛw krataa de soma kɔɔ Samaria kɔmomaa Yesreel atitiriw,+ mpanyimfo+ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mma so no sɛ:  “Sɛ mo nsa ka krataa yi a, sɛ́ mo wura mma wɔ mo nkyɛn, na nteaseɛnam ne apɔnkɔ+ ne kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nso wɔ mo nsam yi,  monhwehwɛ mo wura mma no mu nea oye paa a asɛm nni ne ho, na momfa no nsi ne papa agua so.+ Na monko mma mo wura fie.”  Na ehu kɛse kaa wɔn, na wɔkae sɛ: “Hwɛ! Ahene baanu+ mpo antumi annyina n’anim, na yɛn na yebetumi agyina?”+  Enti ofiepanyin no ne kurow so hwɛfo no ne mpanyimfo no ne wɔn a wɔhwɛ mma+ no so no soma kɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa, enti nea wobɛka akyerɛ yɛn biara, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea eye w’ani so biara, yɛ.”  Na ɔkyerɛw wɔn krataa a ɛto so abien sɛ: “Sɛ mowɔ m’afã+ na sɛ me nne na mubetie a, ɛnde muntwitwa mo wura mmabarima a wɔwɔ mo nkyɛn no ti,+ na mommra me nkyɛn ɔkyena saa bere yi wɔ Yesreel.”+ Saa bere no, ahenemma aduɔson na na wɔwɔ kurow no mu atitiriw nkyɛn a wɔretete wɔn.  Bere a wɔn nsa kaa krataa no ara pɛ, wɔfaa ɔhene mmabarima aduɔson no kunkum wɔn,+ na wɔde wɔn ti guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma de kɔmaa no wɔ Yesreel.  Ɛnna ɔbɔfo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde ahenemma no ti+ aba.” Na ɔkae sɛ: “Mommoaboa ano akuw abien mfa ngu ɔkwan no ano nkosi anɔpa.”+  Eduu anɔpa no, ofii adi. Na ogyinaa hɔ ka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa sɛ: “Moyɛ treneefo.+ Me de, mebɔɔ me wura ho pɔw+ kum no;+ nanso hena na okum eyinom nyinaa? 10  Enti munhu sɛ Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fiefo+ a ɛbɛtɔ fam na ɛremma mu.+ Yehowa na wayɛ asɛm a ɔnam n’akoa Elia so kae no.”+ 11  Afei nso, Yehu kunkum obiara a ɔkae wɔ Ahab fie wɔ Yesreel ne n’akunini+ ne ne mfɛfo ne n’asɔfo+ nyinaa, na obiara anka amma no bio.+ 12  Na ɔsɔre siim sɛ ɔrekɔ Samaria. Ná nguanhwɛfo fie a wɔmantam nguan wom no wɔ kwan no so. 13  Na Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia+ nuanom.+ Ɛnna obisaa wɔn sɛ, “Ɛhefo ne mo?” na wobuae sɛ: “Yɛyɛ Ahasia nuanom, na yɛrekɔ akɔhwɛ sɛnea ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no ho te.” 14  Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Monkyere wɔn anikan!”+ Ɛnna wɔkyeree wɔn anikan na wokunkum wɔn wɔ ofie a wɔmantam nguan wom no abura ho; ná wɔyɛ mmarima aduanan abien, na wɔannyaw obiako mpo.+ 15  Ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab+ ba Yehonadab+ sɛ ɔrebehyia no. Ohyiraa+ no, na obisaa no sɛ: “Wo koma di mũ me ho sɛnea me koma di mũ wo ho no?”+ Ɛnna Yehonadab kae sɛ: “Ɛte saa.” “Sɛ saa a, ɛnde fa wo nsa to me nsayam.” Enti ɔde ne nsa too ne nsayam. Na ɔma ɔforo bɛtenaa teaseɛnam no mu bi.+ 16  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛsen kogya me na kɔhwɛ ninkunu+ a meretwe ama Yehowa.” Na wɔma ɔtenaa teaseɛnam no mu ne no kɔe. 17  Obeduu Samaria, na okunkum Ahab ho nnipa a wɔaka wɔ Samaria nyinaa kosii sɛ ɔtɔree wɔn ase+ sɛnea Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Elia no te.+ 18  Bio nso, Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahab som Baal kakraa bi.+ Yehu de, ɔbɛsom no bebree. 19  Enti momfrɛfrɛ Baal adiyifo+ no nyinaa, wɔn a wɔsom no+ ne asɔfo+ no nyinaa mmra me nkyɛn. Munnnyaw obiako mpo, efisɛ merebɛbɔ afɔre kɛse ama Baal. Obiara a wamma ase no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ okunkum Baal asomfo no nti na ɔde anitew+ yɛɛ saa no. 20  Na Yehu kae sɛ: “Momfa nto gua na wɔnyɛ nhyiam titiriw mma Baal.” Enti wɔde too gua. 21  Ɛno akyi no, Yehu de nkra kɔɔ Israel nyinaa,+ na Baal asomfo no nyinaa behyiaam. Obiako mpo anka a wamma bi. Wɔbaa Baal fie+ hɔ maa Baal fie hɔ nyinaa yɛɛ mã kyeree so. 22  Afei ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ ntade dan so no sɛ: “Fa ntade brɛ Baal asomfo no nyinaa.” Enti ɔde ntade no brɛɛ wɔn. 23  Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab+ baa Baal fie hɔ. Na ɔka kyerɛɛ Baal asomfo no sɛ: “Monhwehwɛ mo mu yiye na Yehowa asomfo no biara ammɛfra mo mu; momma ɛnka Baal asomfo nkutoo.”+ 24  Afei wɔbae sɛ wɔrebɛbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre, na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe gyinagyinaa abɔnten twɛnee, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi guan a, ɛnde ne kra besi onii no kra ananmu.”+ 25  Bere a owiee ɔhyew afɔre no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ ammirikatufo ne akunini no sɛ: “Mommra mmekunkum wɔn! Mommma obiara mmfi adi.”+ Ɛnna ammirikatufo ne akunini+ no fii ase de nkrante kunkum wɔn, na wɔtotow wɔn guu abɔnten, na wɔkɔe ara koduu Baal abosonnan* no mu. 26  Ɛnna woyiyii Baal fie hɔ abosom adum+ no fii adi, na wɔhyew+ ne nyinaa. 27  Bio nso, wobubuu Baal honi+ no, na Baal fie+ no nso wobubui, na wɔde yɛɛ agyananbea+ de besi nnɛ. 28  Saa na ɛyɛe a Yehu tuu Baal ase fii Israel. 29  Nebat ba Yeroboam bɔne+ a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no nko na Yehu antwe ne ho amfi ho; ɛno ne sika nantwi mma+ a na biako si Betel na biako nso si Dan+ no. 30  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Sɛ́ woadi asɛmpa na woayɛ nea ɛteɛ m’ani so,+ na woayɛ nea ɛwɔ me komam sɛ mede bɛyɛ Ahab fiefo+ nyinaa nti, wubenya mma a wɔbɛtena Israel ahengua so de akosi awo ntoatoaso anan so.”+ 31  Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa annantew Yehowa, Israel Nyankopɔn mmara mu.+ Wannan amfi Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no ho.+ 32  Saa nna no mu na Yehowa fii ase twitwaa Israel nsase nkakrankakra; Hasael+ kɔɔ so kunkum wɔn wɔ Israel nsase nyinaa so, 33  efi Yordan ho kosi owiapuei, Gileadfo+ nsase nyinaa, Gadfo+ ne Rubenfo+ ne Manasefo+ de, efi Aroer+ a ɛbɛn Arnon subon ne Gilead ne Basan+ nso. 34  Yehu ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 35  Na Yehu ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no wɔ Samaria, na ne ba Yehoahas+ bedii n’ade. 36  Nna a Yehu de dii Israel so hene wɔ Samaria no si mfe aduonu awotwe.

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “kurow,” ebia ɛyɛ ɔdan bi a ɛte sɛ abannennen.