2 Ahene 15:1-38

15  Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu ason mu no, Yuda hene Amasia+ ba Asaria+ bedii hene.  Obedii ade no, na wadi mfe dunsia, na odii hene mfe aduonum abien wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Yekolia, na ofi Yerusalem.  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so sɛnea ne papa Amasia yɛe no ara.+  Sorɔnsorɔmmea no nko na amfi hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+  Akyiri yi, Yehowa de ɔyare bɔɔ ɔhene+ no, na ɔyaree kwata+ kosii ne wuda; ɔkɔtenaa ne fie, na wanyɛ adwuma bio;+ ɔhene no ba Yotam+ na ɔhwɛɛ ofie no so, na ɔno na obuu ɔman no mu nnipa atɛn.+  Asaria ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu.  Na Asaria ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Yotam bedii n’ade.+  Yuda hene Asaria+ afe a ɛto so aduasa awotwe mu no, Yeroboam ba Sakaria+ bedii Israel so hene wɔ Samaria asram asia.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea n’agyanom yɛe+ no. Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannan amfi ho.+ 10  Na Yebes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw,+ na ɔbɔɔ no kum+ no wɔ Yibleam,+ na obedii n’ade. 11  Sakaria ho nsɛm a aka no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 12  Saa na Yehowa ka+ kyerɛɛ Yehu sɛ:+ “Wubenya mma+ a wɔbɛtena Israel ahengua so de akosi awo ntoatoaso anan so.” Na ɛbaa mu saa.+ 13  Yebes ba Salum bedii hene wɔ Yuda hene Usia+ afe a ɛto so aduasa akron mu, na odii ade ɔsram biako pɛpɛɛpɛ wɔ Samaria.+ 14  Na Gadi ba Menahem+ siim fii Tirsa+ kɔɔ Samaria, na ɔkɔbɔɔ Yebes ba Salum+ kum no wɔ Samaria, na obedii n’ade. 15  Salum ho nsɛm a aka ne pɔw a ɔbɔe+ no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma no mu. 16  Saa bere no, Menahem fi Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwom nyinaa ne ne nsase; wɔammue no nti, ɔsɛee no. Emu apemfo nso, ɔpaapaee wɔn nyinaa mu.+ 17  Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa akron+ mu no, Gadi ba Menahem bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe du. 18  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannan amfi emu biara ho,+ ne nna nyinaa mu. 19  Na Asiria+ hene Pul+ baa asase no so. Enti Menahem maa+ Pul dwetɛ dwetikɛse apem+ sɛ onso ne mu mmoa no mma ahenni no nyɛ den ne nsam.+ 20  Israelfo nkyɛn na Menahem gyigyee dwetɛ no, adefo no nyinaa hɔ;+ ogyee obiara hɔ dwetɛ nnwetɛbona aduonum, na ɔde maa Asiria hene. Ɛno nti Asiria hene san n’akyi, na wantena asase no so hɔ. 21  Menahem+ ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 22  Na Menahem ne n’agyanom kɔdae, na ne ba Pekahia+ bedii n’ade. 23  Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonum mu no, Menahem ba Pekahia bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe abien.+ 24  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannan amfi ho.+ 25  Na ne kunini+ Remalia ba Peka+ bɔɔ ne ho pɔw,+ na ɔne Gileadfo aduonum bɔɔ no kum no wɔ Samaria ahemfie+ abantenten no mu, ɔne Argob ne Arie. Okum no, na obedii n’ade. 26  Pekahia ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 27  Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonum abien mu no, Remalia ba+ Peka+ bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe aduonu. 28  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannan amfi ho.+ 29  Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bae bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+ 30  Na Ela ba Hosea+ bɔɔ Remalia ba Peka ho pɔw,+ na ɔbɔɔ no kum no,+ na obedii n’ade Usia ba Yotam+ afe a ɛto so aduonu mu. 31  Peka ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 32  Remalia ba, Israel hene Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bedii hene. 33  Obedii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfe dunsia wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babea.+ 34  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so.+ Sɛnea ne papa Usia yɛe no, saa na ɔno nso yɛe.+ 35  Sorɔnsorɔmmea no nko na amfi hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ Ɔno na osii Yehowa fie pon a ɛwɔ atifi fam+ no. 36  Yotam ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma no mu.+ 37  Nna no mu na Yehowa maa+ Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ kɔɔ Yuda so. 38  Na Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow+ mu, na ne ba Ahas+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm