2 Ahene 25:1-30

25  Ɛbae sɛ n’ahenni afe a ɛto so akron,+ ɔsram a ɛto so du, ɔsram no da a ɛto so du+ no, Babilon hene Nebukadnesar+ bae;+ ɔne n’asraafodɔm nyinaa baa Yerusalem so betwaa ho hyiae, na wosii akoban twaa ho nyinaa hyiae.+  Wotwaa kurow no ho hyiae kosii Ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako mu.  Ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron+ no, ɔkɔm+ no mu yɛɛ den wɔ kurow no mu; ná aduan bi nni hɔ+ mma ɔmanfo no.  Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa guan anadwo kɔfaa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pon no mu kɔe; saa bere no, na Kaldeafo+ no atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+  Na Kaldea asraafodɔm+ no de mmirika tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no+ wɔ Yeriko tataw+ no so; n’asraafodɔm a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hwetee.  Ɛnna wɔkyeree ɔhene+ no de no kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla+ sɛ wommu no atɛn.  Wokunkum Sedekia mmabarima wɔ n’anim,+ na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+  Ɔsram a ɛto so anum no da a ɛto so ason a ɛyɛ Ɔhene Nebukadnesar, Babilon hene, no afe a ɛto so dunkron+ no, awɛmfo so panyin Nebusaradan,+ Babilon hene akoa, no baa Yerusalem.+  Na ɔhyew Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde ogya hyew+ otitiriw biara fie. 10  Na Yerusalem afasu a atwa ho ahyia nyinaa, Kaldea asraafodɔm a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw gui.+ 11  Ɔmanfo nkae+ a wogyaw wɔn wɔ kurow no mu, ne wɔn a wɔdan kɔɔ Babilon hene afã, ne nnipa a wɔaka no, awɛmfo so panyin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+ 12  Na awɛmfo so panyin no gyaw asase no so mmɔborɔfo+ no bi sɛ wɔnyɛ bobe nturo mu adwumayɛfo ne apaafo.+ 13  Na kɔbere adum+ a ɛwɔ Yehowa fie no ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafo no bubuu no asinasin, na wɔde ɛho kɔbere no kɔɔ Babilon.+ 14  Na nea wɔde sesaw nsõ ne sofi ne adumgya ne nkuruwa ne kɔbere nneɛma+ a wɔde som no nyinaa, wɔsesaw kɔe. 15  Na ogya nkukuwa ne nyaawa a wɔde sika amapa+ ayɛ ne nea wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfo so panyin no sesaw kɔe. 16  Na adum abien no ne ɛpo biako no ne nsutwe nnaka a Solomon yeyɛe wɔ Yehowa fie hɔ no, nneɛma yi nyinaa ho kɔbere de, wɔantumi ankari.+ 17  Adum no biara tenten yɛ basafa dunwɔtwe,+ na wɔde kɔbere na ɛyɛɛ ɛso ntaaso+ no; ntaaso no tenten yɛ basafa abiɛsa; atena ne granate akutu+ a etwa ntaaso no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa; saa ara na edum a ɛto so abien no ho atena nso te. 18  Bio nso, awɛmfo so panyin no faa ɔsɔfo panyin Seraia+ ne ɔsɔfo Sefania+ a odi no so ne apon ano ahwɛfo+ baasa; 19  na kurow no mu nso, ɔfaa ahemfie panyin biako a ɔda asraafo ano, ne mmarima a wɔkɔ ɔhene anim no baanum a wɔwɔ kurow no mu, ne ɔsahene no kyerɛwfo a ɔboaboa dɔm ano wɔ asase no so, ne ɔmanfo no mu mmarima aduosia a wɔwɔ kurow no mu;+ 20  awɛmfo so panyin Nebusaradan+ de wɔn kɔmaa+ Babilon hene wɔ Ribla.+ 21  Na Babilon hene bobɔɔ+ wɔn kum wɔn wɔ Ribla, Hamat+ asase so. Saa na ɛyɛe na Yuda fii n’asase so kɔɔ nkoasom mu.+ 22  Na ɔmanfo+ a wɔkaa Yuda asase so a Babilon hene Nebukadnesar gyaw wɔn hɔ no, ɔde Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ dii wɔn so. 23  Bere a asahene+ no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene apaw Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa;+ Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, ne wɔn mmarima na wɔbae. 24  Ɛnna Gedalia kaa ntam+ kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no. Montena asase no so na monsom Babilon hene, na ebesi mo yiye.”+ 25  Ɛbae sɛ ɔsram a ɛto so ason+ mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ofi adehye abusua mu no bae, ɔne mmarima du, na wɔbɔɔ Gedalia kum no,+ na wokunkum Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho wɔ Mispa no nso.+ 26  Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, ne asahene no sɔree, na wɔkɔɔ Egypt,+ efisɛ Kaldeafo no nti wosuroe.+ 27  Bere a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛto so aduasa ason, ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu ason, afe a Babilon hene Ewil-Merodak+ bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ fii nneduafie; 28  na ɔkasaa ayamye so kyerɛɛ no, na ɔmaa n’ahengua so ma ɛsen ahene a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhengua.+ 29  Na oyii n’afiase ntade,+ na odidii+ n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa. 30  Nea wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma no+ no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm