2 Ahene 4:1-44

4  Na ɔbea bi a ɔyɛ adiyifo asefo+ no biako yere besu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wunim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma baanu no akɔyɛ nkoa.”  Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Dɛn na menyɛ mma wo?+ Ka kyerɛ me; dɛn na wowɔ wɔ fie?” Na ɔkae sɛ: “W’afenaa nni hwee wɔ fie sɛ ngo+ ahina biako.”  Ɛnna ɔkae sɛ: “Kɔ abɔnten kɔfemfɛm nhina fi wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn, nhina a hwee nni mu. Gyigye bebree.  Afei wo ne wo mmabarima no nkɔhyɛ dan mu na monto ɔpon no mu, na hwiehwie ngo no gu nhina no nyinaa mu, na nea ɛbɛyɛ mã no, fa sisi nkyɛn.”  Ɔkaa saa no, ɔbea no fii ne nkyɛn kɔe. Bere a ɔbea no too ɔne ne mma pon mu no, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guu mu.+  Na ɛbae sɛ bere a nhina no yeyɛɛ mã no, ɔka kyerɛɛ ne ba biako sɛ: “Fa ahina foforo brɛ me.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ahina bi nni hɔ bio.” Ɛnna ngo no twae.+  Enti ɔbea no kɔka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no. Na ɔno nso kae sɛ: “Kɔtɔn ngo no na fa tuatua wo ho aka,+ na wo ne wo mma mfa nea ɛbɛka no ntena ase.”+  Na ɛbae sɛ da bi, Elisa twaam kɔɔ Sunem.+ Ná ɔbea nuonyamfo bi wɔ hɔ, na ɔhyɛɛ+ no sɛ ommedidi. Enti sɛ ɔfa hɔ da biara a, ɔman hɔ kodidi.  Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ne kunu+ sɛ: “Minim sɛ ɔbarima a ɔba yɛn nkyɛn daa yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron.+ 10  Ma yɛnyɛ atifi dan+ ketewa bi ɔfasu no ho, na yɛmfa mpa ne ɔpon ne agua ne kaneadua+ nsisi mu mma no ɛ, na da biara a ɔbɛba yɛn nkyɛn no, wakogye n’ahome wɔ hɔ.”+ 11  Ɛbae sɛ da bi, ɔbaa hɔ sɛnea ɔyɛ daa no, na ɔman hɔ kɔdaa atifi dan no mu. 12  Na ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi+ sɛ: “Frɛ Sunemni+ bea yi bra.” Ɛnna ɔfrɛɛ no begyinaa n’anim. 13  Na ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Mesrɛ wo, ka kyerɛ no sɛ, ‘Wode ɔhaw yi nyinaa ahaw wo ho ama yɛn.+ Dɛn na yɛnyɛ mma wo?+ Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wɔka kyerɛ ɔhene+ anaa asraafo panyin+ ma wo?’” Na ɔbea no kae sɛ: “Me de, mete me nkurɔfo mu.”+ 14  Na obisae bio sɛ: “Dɛn koraa na yɛnyɛ mma no?” Ɛnna Gehasi kae sɛ: “Nokwasɛm ni, onni ɔbabarima+ na ne kunu nso abɔ akora.” 15  Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Frɛ no bra.” Enti ɔkɔfrɛɛ no, na ɔbea no begyinaa ɔkwan no ano. 16  Ɛnna odiyifo no kae sɛ: “Afe sesɛɛ na wuturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “O nokware Nyankopɔn nipa, me wura, eyi de, ɛrenyɛ yiye! Nni atoro nkyerɛ w’afenaa.” 17  Nanso ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima+ afedan no mu, sɛnea Elisa ka kyerɛɛ no no.+ 18  Na abofra no nyinii, na da bi ɔkɔɔ ne papa nkyɛn atwafo+ no mu sɛnea ɔyɛ daa no. 19  Na abofra no ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Me ti, me ti!”+ Ɛnna papa no ka kyerɛɛ ne somfo sɛ: “Fa no kɔma ne maame.”+ 20  Enti ɔmaa abofra no so de no kɔmaa ne maame. Ɔdaa ne maame nan so kosii owigyinae, na owui.+ 21  Ɛnna ɔbea no foro de no kɔtoo nokware Nyankopɔn nipa+ no mpa+ so, na ɔtoo pon no mu fii adi. 22  Afei ɔfrɛɛ ne kunu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asomfo no biako ne afurumbere biako, na mintu mmirika nkɔ nokware Nyankopɔn nipa no nkyɛn mmra.”+ 23  Ɛnna ne kunu bisae sɛ: “Dɛn nti na worekɔ ne nkyɛn nnɛ? Ɛnnɛ nyɛ ɔsram foforo+ anaa homeda.” Nanso ɔbea no kae sɛ: “Ɛnyɛ hwee.” 24  Enti ɔbea no hyehyɛɛ afurum+ no, na ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Ka wo ho. Nka sɛ me nti woretɔ wo bo ase, gye sɛ meka sɛ tɔ wo bo ase.” 25  Na ɔbea no siim sɛ ɔrekɔ nokware Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ Bepɔw Karmel so. Bere a nokware Nyankopɔn nipa no huu no wɔ akyirikyiri no, ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi+ sɛ: “Hwɛ! Sunemni bea no na ɔreba no. 26  Enti mesrɛ wo, tu mmirika kohyia no na bisa no sɛ, ‘Wo ho ye? Wo kunu ho ye? Abofra no ho ye?’” Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Eye.” 27  Bere a ɔbea no koduu nokware Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɛhɔ ara na ɔbea no soo ne nan.+ Ɛnna Gehasi bae sɛ ɔrebepia no afi hɔ,+ nanso nokware Nyankopɔn nipa+ no kae sɛ: “Gyaa no,+ na ne kra abotow+ wɔ ne mu; Yehowa de ahintaw+ me na wanka ankyerɛ me.” 28  Afei ɔbea no kae sɛ: “Me na mekae sɛ me wura mma minnya ɔba anaa? Manka sɛ, ‘Mmɛdaadaa me’?”+ 29  Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Gehasi+ sɛ: “Bɔ w’asen+ na fa me poma+ kura na kɔ. Obiara a wubehyia no wɔ kwan so no, nkyia no;+ sɛ obi kyia wo nso a, nnye so. Fa me poma no kɔto abofra no anim.”+ 30  Ɛnna abofra no maame kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase+ na wo kra nso te ase+ yi, merennyaw wo hɔ nkɔ.”+ Enti ɔsɔree ne ɔbea no kɔe. 31  Na Gehasi de, odii wɔn anim kan de poma no kɔtoo abofra no anim, nanso wankasa na wankeka ne ho.+ Enti ɔsan n’akyi kohyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Abofra no annyan.”+ 32  Bere a Elisa nso beduu fie hɔ no, na abofra no awu ma wɔde no akɔto ne mpa so.+ 33  Ɛnna ɔkɔɔ mu kɔtoo wɔn baanu pon mu,+ na ɔbɔɔ Yehowa mpae.+ 34  Afei ɔforoo mpa no kɔdaa abofra no so,+ na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsayam totoo ne nsayam, na obutuw abofra no so; nkakrankakra, abofra no honam yɛɛ hyew. 35  Afei ɔsan dii akɔneaba wɔ fie hɔ, ɔkɔ ha, na waba ha, na ɔsan foroo mpa no kobutuw abofra no so. Ɛnna abofra no nwansii mpɛn ason, na afei abofra no buee n’aniwa.+ 36  Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ Gehasi kae sɛ: “Frɛ Sunemni+ bea no bra.” Enti ɔfrɛɛ no ma ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Fa wo ba no.”+ 37  Ɛnna ɔbea no baa mu bɛhwee ne nan ase butuw fam,+ na ɔfaa ne ba no kɔe.+ 38  Elisa san kɔɔ Gilgal.+ Ɔkɔe no na ɔkɔm+ wɔ asase no so. Bere a adiyifo asefo+ no tete n’anim+ no, ɔka kyerɛɛ ne somfo+ no sɛ: “Fa kuku kɛse no si gya so yɛ abom ma adiyifo asefo no.”+ 39  Enti obi kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔtetew ɛfan,+ na okohuu hama bi tetew wuram ɛfere wɔ so ne ntama mã, na obetwitwa guu kuku no mu; ná wonnim n’adeban. 40  Akyiri yi wotiti maa mmarima no sɛ wonni. Bere a wɔde abom no bi kaa wɔn ano ara pɛ, wɔteɛɛm kae sɛ: “O nokware Nyankopɔn nipa,+ awuduru wɔ kuku no mu.”+ Na wɔantumi anni. 41  Enti ɔkae sɛ: “Momma me esiam.” Ɔde guu kuku no mu kae sɛ: “Muntiti mma wɔn na wonni.” Na awuduru no nyinaa fii kuku no mu.+ 42  Ɔbarima bi fi Baal-Salisa+ bae, na ɔde+ atokokan yɛɛ paanoo+ aduonu kaa awi aba a edi kan ho, na ɔde guu paanoo kotoku mu brɛɛ nokware Nyankopɔn nipa no. Na ɔkae sɛ: “Fa ma nkurɔfo no ma wonni.”+ 43  Nanso ne somfo no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede eyi asi mmarima ɔha anim?”+ Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Fa ma nkurɔfo no ma wonni, efisɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wobedi ma ebi aka.’”+ 44  Ɛnna ɔde sii wɔn anim, na wodii ma ebi kae sɛnea Yehowa kae no.+

Ase Hɔ Nsɛm