2 Ahene 5:1-27

5  Ná Siria hene wɔ ɔsahene bi a wɔfrɛ no Naaman.+ Ná ɔyɛ onipa kɛse wɔ ne wura anim, na na wobu no efisɛ ɔno so na Yehowa nam gyee Siriafo.+ Ná ɔbarima no yɛ ɔdɔmmarima kokodurufo, nanso na ɔyɛ ɔkwatani.  Siria afowfo+ fii adi, na wɔkɔfaa abeawa kumaa bi dommum fii Israelfo asase so+ de no bae, na ɔbɛsom Naaman yere.  Bere bi, ɔka+ kyerɛɛ ne maame a ɔne no te no sɛ: “O sɛ anka me wura wɔ odiyifo+ a ɔwɔ Samaria no anim a! Anka ɔbɛsa ne kwata+ no.”  Na obi kɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na abeawa a ofi Israel asase so no aka.”+  Ɛnna Siria hene kae sɛ: “Sim ntɛm! Bra, na mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa+ dwetɛ dwetikɛse du ne sika+ dwetikɛse mpemnsia ne ntade+ du de siim kɔe.  Na ɔde krataa+ yi kɔmaa Israel hene sɛ: “Sɛ wo nsa ka krataa yi a, hwɛ, mɛsoma m’akoa Naaman wo nkyɛn na woasa ne kwata no ama no.”  Bere a Israel hene kenkan krataa no ara pɛ, osuan+ n’atade mu, na ɔkae sɛ: “Adɛn, meyɛ Onyankopɔn+ na matumi akum anaa mama nkwa?+ Monhwɛ sɛ ɔbarima yi asoma sɛ mensa ɔkwatani yare; munhu sɛ ɔham ara na ɔpɛ sɛ ɔne me ham.”+  Bere a nokware Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asuan n’atade mu+ no, ɛhɔ ara na ɔsoma kobisaa ɔhene sɛ: “Dɛn nti na wusuan w’atade mu? Ma ɔmmra me nkyɛn ɛ, na onhu sɛ odiyifo bi wɔ Israel.”+  Enti Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne ko nteaseɛnam bae begyinaa Elisa fie kwan ano. 10  Nanso Elisa tuu ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na koguare+ mpɛn ason+ Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho+ ma wo ho atew.” 11  Ɛnna Naaman bo fuwii,+ na ɔdan n’ani sɛ ɔrekɔ, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, me de, mekae me tirim sɛ,+ ‘Ofi na obefi adi afi nohoa aba me nkyɛn, na ɔbɛbɔ Yehowa, ne Nyankopɔn no din na ɔde ne nsa asrasra hɔ na wasa ɔkwatani yi yare.’ 12  Damasko+ nsubɔnten Abana ne Farpar nye nsen Israel nsu nyinaa?+ Enti anka merentumi nguare mu mma me ho ntew?”+ Ɔkaa saa no, ɔde abufuw siim sɛ ɔrekɔ.+ 13  Nanso ne nkoa twiw bɛn no ne no kɔkasae sɛ: “Papa,+ sɛ ade kɛse bi na odiyifo no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Guare na wo ho ntew’ a, ɛno na worenyɛ?” 14  Wɔkaa saa no, ɔkɔe kɔtɔɔ Yordan mu mpɛn ason sɛnea nokware Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no no,+ na ne ho san baa ne ho ma ɛyɛe sɛ abofra ketewaa honam,+ na ne ho tewee.+ 15  Ɛnna ɔsan n’akyi kɔɔ nokware Nyankopɔn nipa no nkyɛn,+ ɔne n’asafo a wɔka ne ho nyinaa, na obegyinaa n’anim kae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Onyankopɔn biara nni asase so baabiara sɛ Israel.+ Enti mesrɛ wo, gye akyɛde+ yi w’akoa nsam.” 16  Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa a migyina n’anim no te ase+ yi, merennye.”+ Na ɔsrɛɛ no ara sɛ onnye, nanso wampene so annye. 17  Ɛnna Naaman kae sɛ: “Sɛ saa a, ɛnde ma wɔmma w’akoa dɔte+ a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa, efisɛ w’akoa remmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame foforo biara bio, gye Yehowa nko.+ 18  Eyi nko na Yehowa mfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura kɔ Rimon+ fie sɛ ɔrekɔkotow no wɔ hɔ, na sɛ otweri+ me nsa so a, ɛbɛma makotow+ wɔ Rimon fie; sɛ mekotow wɔ Rimon fie saa a, ɛnde mesrɛ sɛ Yehowa mfa ɛno nkyɛ w’akoa.”+ 19  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ.”+ Enti osiim fii ne nkyɛn twaa kwan kakra. 20  Na nokware Nyankopɔn nipa+ Elisa somfo Gehasi+ kae sɛ: “Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ma ɔkɔ kwa, na wannye nea ɔde bae no ne nsam. Sɛ́ Yehowa te ase+ yi, metu mmirika atiw no na makogye biribi ne nsam.”+ 21  Enti Gehasi de mmirika tiw Naaman. Bere a Naaman hui sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no, na obisaa no sɛ: “Asomdwoe mu anaa?”+ 22  Ɛnna obuae sɛ: “Asomdwoe mu. Me wura+ na wasoma me+ sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Mmerante baanu bi a wofi adiyifo no asefo mu fi Efraim mmepɔw so aba me nkyɛn seesei ara.+ Enti mesrɛ wo, ma me dwetɛ dwetikɛse biako ne ntade+ abien.’” 23  Ɔkaa saa no, Naaman nso kae sɛ: “O gye dwetikɛse abien mpo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ na afei ɔkyekyee dwetɛ dwetikɛse abien wɔ mmɔtɔwa abien mu de ntade abien kaa ho, na ɔde maa n’asomfo baanu, na wɔsoa dii n’anim. 24  Bere a oduu Ofel no, ɛhɔ ara na ogyee nneɛma no wɔn nsam de koguu fie,+ na ogyaa wɔn kwan. Enti wɔsan kɔe. 25  Ɔno de, ɔbae begyinaa ne wura anim.+ Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Gehasi, ɛhe na wufi reba yi?” Na obuae sɛ: “W’akoa nkɔɔ baabiara.”+ 26  Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Bere a ɔbarima no si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, me koma ankɔ bi anaa? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wogye dwetɛ anaa ntade anaa ngo nnua anaa bobe nturo anaa nguan anaa anantwi anaa nkoa anaa mfenaa?+ 27  Ɛno nti Naaman kwata+ bɛfam wo ne w’asefo ho daa.”+ Ɛhɔ ara na ofii n’anim kɔe a kwata aguare no fitaa sɛ sukyerɛmma.+

Ase Hɔ Nsɛm