2 Ahene 6:1-33

6  Na adiyifo asefo+ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ! Faako+ a yɛte wɔ wo nkyɛn ha yi sua dodo+ ma yɛn.  Yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ Yordan ho na yɛnkɔfa nnua mmiako mmiako nyɛ+ baabi wɔ hɔ na yɛntena hɔ.” Na ɔkae sɛ: “Monkɔ ɛ.”  Na obiako ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɛka wo nkoa ho ma yɛnkɔ.” Na ɔkae sɛ: “Mɛkɔ.”  Enti ɔne wɔn siim kɔe. Wokoduu Yordan ho, na wofii ase bubuu nnua+ no.  Ɛbae sɛ bere a obiako rebu ne dua no, akuma+ no hɔn tɔɔ nsu no mu. Ɛnna ɔteɛɛm sɛ: “O me wura,+ yɛkɔsrɛe oo!”+  Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔe?” Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Ɛhɔ ara na otwaa dua bi tow too hɔ, na ɛmaa akuma no bɛtɛn ani.+  Ɛnna ɔkae sɛ: “Ma so fa.” Ntɛm ara na ɔteɛɛ ne nsa fae.  Na Siria hene+ ne Israel dii ako, na ɔne ne nkoa tuu agyina+ sɛ: “Ɛha ne ha na mo ne me bɛbɔ nsra.”+  Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa+ no soma kɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Hwɛ yiye na woamfa ha,+ efisɛ ɛha na Siriafo nam reba.”+ 10  Enti Israel hene soma kɔɔ faako a nokware Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no no.+ Ɔbɔɔ no kɔkɔ+ mpɛn pii, enti wankɔ hɔ. 11  Ɛnna Siria hene bo fuw asɛm yi ho,+ na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ me nea ɔwɔ yɛn mu a ɔwɔ Israel hene afã.”+ 12  Na ne nkoa no biako kae sɛ: “Me wura ɔhene, yɛn mu biara nni n’afã, na mmom ɛyɛ Elisa,+ odiyifo a ɔwɔ Israel no na ɔka+ nsɛm a woka wɔ wo pia mu+ no kyerɛ Israel hene.” 13  Enti ɔkae sɛ: “Monkɔhwɛ faako a ɔwɔ na mensoma nkɔfa no mmra.”+ Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ no akyiri yi sɛ: “Ɔwɔ Dotan.”+ 14  Ɛhɔ ara na ɔsoma ma wɔde apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam ne asraafodɔm kɛse+ kɔɔ hɔ. Woduu hɔ anadwo, na wotwaa kurow no ho hyiae. 15  Bere a nokware Nyankopɔn nipa no somfo+ sɔree anɔpa na ofii adi no, ɔnkɔhwɛ a, asraafodɔm kɛse bi na wɔde apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia yi. Ɛhɔ ara na ne somfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ao me wura!+ Yɛbɛyɛ dɛn?” 16  Nanso ɔkae sɛ: “Nsuro,+ efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17  Na Elisa bɔɔ mpae+ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’aniwa+ na onhu.” Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no aniwa, na ohuu nea ɛrekɔ so; ɔbɛhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.+ 18  Bere a nkurɔfo no yɛe sɛ wɔreba Elisa so no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mesrɛ wo, fa anifurae bɔ ɔman yi.”+ Enti ɔde anifurae bɔɔ wɔn sɛnea Elisa kae no. 19  Afei Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ ɔkwan no ni, na ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.” Nanso odii wɔn anim de wɔn kɔɔ Samaria.+ 20  Bere a woduu Samaria ara pɛ, Elisa kae sɛ: “O Yehowa, bue nkurɔfo yi aniwa na wonhu ade.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee wɔn aniwa, na wohuu ade; wɔnkɔhwɛ a, Samaria mfinimfini na wɔwɔ yi. 21  Bere a Israel hene huu wɔn no, ɛhɔ ara na obisaa Elisa sɛ: “Memmobɔ wɔn nkum wɔn+ anaa, me papa,+ memmobɔ wɔn nkum wɔn anaa?” 22  Nanso ɔkae sɛ: “Mmobɔ wɔn nkum wɔn. Wɔn a wode wo nkrante ne w’agyan afa wɔn nnommum na ɛsɛ sɛ wukunkum wɔn anaa?+ Fa aduan ne nsu si wɔn anim na wonnidi nnom+ na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23  Enti ɔtow pon kɛse maa wɔn; wodidi nomee, na ɛno akyi no ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ wɔn wura nkyɛn. Siria afowfo+ no ansan amma Israel asase so bio. 24  Eyi akyi no Siria hene Ben-Hadad boaboaa n’asraafodɔm nyinaa ano kotwaa+ Samaria ho hyiae. 25  Ankyɛ na ɔkɔm kɛse bi sii Samaria.+ Wotwaa ho hyiae kosii sɛ afei de na afurum ti+ mpo bo yɛ nnwetɛbona aduɔwɔtwe, na aborɔnoma bin,+ kab susude biako mu nkyem anan bo yɛ nnwetɛbona anum. 26  Ɛbae sɛ Israel hene retwam wɔ ɔfasu no ho no, ɔbea bi teɛɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura ɔhene, gye yɛn!”+ 27  Ɛnna obuae sɛ: “Sɛ Yehowa annye wo a, ɛhe na mɛfa agye wo?+ Awiporowbea anaa faako a wokyĩ nsã anaa ngo?” 28  Afei ɔhene bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛhaw wo?” Na ɔbea no buae sɛ: “Ɔbea yi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo ba bra ma yɛnwe no nnɛ, na ɔkyena me nso mede me ba bɛba ama yɛawe no.’+ 29  Enti yɛnoaa+ me ba no wee.+ Ade kyee no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nso fa wo ba no bra ma yɛnwe.’ Nanso ɔde ne ba no kohintawee.” 30  Na ɛbae sɛ, bere a ɔhene tee ɔbea no asɛm no, ntɛm ara na osuan+ n’atade mu; bere a ɔretwam ɔfasu no ho no, ɔmanfo no huu no, na hwɛ! ofura atweaatam n’atade ase. 31  Na ɔkae sɛ: “Sɛ ɛnnɛ mema Safat ba Elisa ti tua so+ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho!” 32  Ná Elisa te n’ankasa fie, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn+ na ɔhene no somaa obi dii n’anim kɔɔ hɔ. Ɔbɔfo no nnya nnuu ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Moahu sɛ owudifo+ ba no asoma sɛ wommetwa me ti? Sɛ ɔbɔfo no bedu pɛ a, monhwɛ nto ɔpon no mu, na mumpia ɔpon no nsiw no kwan. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim+ na edi n’akyi yi?” 33  Ogu so ne wɔn rekasa no, ɔbɔfo no beduu ne nkyɛn, na ɔhene no kae sɛ: “Mmusu yi fi Yehowa.+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Yehowa?”+

Ase Hɔ Nsɛm