2 Ahene 9:1-37

9  Na odiyifo Elisa frɛɛ adiyifo asefo+ no biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyekyere w’asen+ na fa ngotoa+ yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-Gilead.+  Sɛ wudu hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma ɔnsɔre mfi ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu pia mu+ hɔ.  Afei fa toa no na hwie ngo no gu n’atifi,+ na ka sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Meresra+ wo asi wo Israel so hene.”’+ Ɛno akyi no, bue ɔpon no na guan, ntwɛn.”  Ɛnna ɔsomfo no, kyerɛ sɛ, odiyifo no somfo no, siim kɔɔ Ramot-Gilead.  Bere a ɔkɔɔ hɔ no, hwɛ, na asahene no atenatena ase. Na ɔkae sɛ: “Ɔsahene, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”+ Na Yehu bisaa no sɛ: “Yɛn mu hena?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɔsahene, ɛyɛ w’ankasa.”  Enti ɔsɔre kɔɔ fie hɔ na ohwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Meresra wo asi wo Yehowa man+ Israel so hene.+  Na twitwa wo wura Ahab fiefo gu, na mɛma Yesebel+ atua me nkoa adiyifo no ne Yehowa nkoa nyinaa mogya ho ka.+  Na Ahab fie nyinaa ase bɛtɔre; metwa Ahab+ fie ɔbarima+ biara akyene, Israel nipahunu a onni ɔboafo mpo.+  Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie+ ne Ahiya ba Baasa fie.+ 10  Na Yesebel nso, akraman na ebedi ne nam+ wɔ Yesreel asase no so, na ɔrennya obiara nsie no.’” Ɔkaa saa no, obuee ɔpon no guanee.+ 11  Ɛnna Yehu kɔɔ ne wura nkoa no nkyɛn, na wobisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?+ Dɛn nti na ɔbɔdamfo+ yi baa wo nkyɛn?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara munim ɔbarima yi ne ne nsɛnkeka.” 12  Nanso wɔkae sɛ: “Woboa! Ka mu nokware kyerɛ yɛn.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Meresra wo asi wo Israel so hene.”’”+ 13  Ɛhɔ ara na wɔn nyinaa de ahoɔhare yiyii wɔn ntama+ sesɛw fam, atrapoe no ara so, na wɔhyɛn abɛn+ kae sɛ: “Yehu abɛyɛ ɔhene!”+ 14  Na Nimsi+ ba Yehosafat ba Yehu+ bɔɔ Yehoram ho pɔw.+ Saa bere no, na Yehoram rewɛn wɔ Ramot-Gilead,+ ɔne Israel nyinaa, Siria hene Hasael+ nti. 15  Akyiri yi Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yare wɔ Yesreel+ efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael kɔkoe no, Siriafo piraa no.+ Ɛnna Yehu kae sɛ: “Sɛ mo ne me yɛ adwene+ a, ɛnde mommma obiara nnguan mmfi kurow no mu nnkɔbɔ amanneɛ wɔ Yesreel.” 16  Na Yehu tenaa teaseɛnam mu siim kɔɔ Yesreel, efisɛ na Yehoram da hɔ na Yuda hene Ahasia+ nso kɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Yehoram. 17  Ná ɔwɛmfo+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ohui sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Mihu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefo ma onkohyia wɔn na ommisa sɛ, ‘Asomdwoe mu anaa?’”+ 18  Enti obi a ɔte ɔpɔnkɔ so kohyiaa no na ɔkae sɛ: “Nea ɔhene aka ni, ‘Asomdwoe mu anaa?’” Ɛnna Yehu kae sɛ: “Wunim nea wɔfrɛ no ‘asomdwoe’?+ Dan wo ho bedi m’akyi!” Ɛnna ɔwɛmfo+ no kɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbɔfo no koduu wɔn nkyɛn nanso wansan amma.” 19  Enti ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abien, na oduu wɔn nkyɛn no, ɔkae sɛ: “Nea ɔhene aka ni, ‘Asomdwoe mu anaa?’” Ɛnna Yehu kae sɛ: “Wunim nea wɔfrɛ no ‘asomdwoe’?+ Dan wo ho bedi m’akyi!” 20  Ɛnna ɔwɛmfo no kɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Okoduu wɔn nkyɛn nanso wansan amma. Na teaseɛnam no kã te sɛ Nimsi+ banana Yehu+ de; ɔka no sɛnea wabɔ dam.”+ 21  Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Siesie teaseɛnam no!”+ Enti osiesiee ne ko teaseɛnam no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn ko nteaseɛnam mu. Wosiim sɛ wɔrekohyia Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot+ asase no so. 22  Ɛbae sɛ bere a Yehoram huu Yehu no, ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Yehu, asomdwoe mu anaa?” Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe+ atumi aba bere a wo maame Yesebel+ aguamammɔ ne n’asumansɛm+ bebrebe no da so wɔ hɔ yi?” 23  Ntɛm ara na Yehoram dan ne ho sɛ ɔreguan, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: “Ahasia, wanya yɛn!”+ 24  Ɛhɔ ara na Yehu twee agyan+ tow wɔɔ Yehoram abasa ntam ma agyan no hwirew ne komam, na otwa hwee ne teaseɛnam no mu.+ 25  Afei ɔka kyerɛɛ ne boafo+ Bidkar sɛ: “Ma no so tow no kyene Yesreelni Nabot asase no so;+ kae sɛ na me ne wo nyinaa ka teaseɛnam di ne papa Ahab akyi bere a Yehowa kaa atemmusɛm+ yi tiaa no sɛ: 26  ‘“Ampa, mihuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya+ nnɛra,” Yehowa asɛm ni, “metua wo ka+ asase yi so,” Yehowa asɛm ni.’ Enti ma no so tow no kyene asase no so sɛnea Yehowa aka no.”+ 27  Yuda hene Ahasia+ hui no, oguan faa turo fie+ kwan no so. (Akyiri yi Yehu tiw no, na ɔkae sɛ: “Ɔka ho! Mommɔ ɔno nso!” Enti wɔbɔɔ no piraa no bere a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no. Ɔtoaa so ara koduu Megido,+ na owui wɔ hɔ.+ 28  Na ne nkoa de no too teaseɛnam mu de no kɔɔ Yerusalem, na wosiee no ne damoa mu kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow+ mu. 29  Ahab ba Yehoram afe a ɛto so dubiako+ mu na Ahasia+ bedii Yuda so hene.) 30  Na Yehu beduu Yesreel,+ na Yesebel+ nso tee. Ɔde adubiri kekaa+ n’ani akyi, na osiesiee ne ti ho fɛfɛɛfɛ,+ na ɔhwɛɛ fam, mfɛnsere+ mu. 31  Yehu kɔɔ mu koduu ɔpon no ano. Na ɔbea no bisaa no sɛ: “Simri+ a okum ne wura no, esii no yiye anaa?” 32  Ɛnna ɔno nso maa n’ani so hwɛɛ mfɛnsere no mu, na obisae sɛ: “Hena na ɔwɔ m’afã, hena?”+ Ɛhɔ ara na ahemfie mpanyimfo+ baanu anaa baasa fi hɔ hwɛɛ no wɔ fam hɔ. 33  Na ɔkae sɛ: “Montow no nhwe fam!”+ Na wɔtow no hwee fam, na ne mogya no bi bɔ petee ɔfasu ne apɔnkɔ no ho, na otwiw+ faa no so. 34  Afei ɔkɔɔ mu kodidii na ɔnomee, na ɔkae sɛ: “Monkɔfa ɔbea a wɔadome+ no no na munsie no efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.”+ 35  Bere a wɔkɔe sɛ wɔrekosie no no, wɔanhu ne ho hwee sɛ ne tikora ne ne nan ase ne ne nsayam.+ 36  Bere a wɔsan bɛbɔɔ no amanneɛ no, ɔkae sɛ: “Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Tisbini Elia so kae+ no na aba mu sɛ, ‘Akraman na ebedi Yesebel nam wɔ Yesreel asase no so.+ 37  Na Yesebel funu bɛyɛ sumina,+ Yesreel asase no so na obi anka sɛ: “Yesebel ni.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm