Adiyisɛm 1:1-20

1  Yesu Kristo adiyisɛm+ a Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm.+ Na ɔsomaa ne bɔfo+ ma ɔnam nsɛnkyerɛnne+ so de maa n’akoa Yohane+  a odii asɛm a Onyankopɔn de mae ne adanse a Yesu Kristo de mae, kyerɛ sɛ nea ohui nyinaa, ho adanse no.+  Anigye+ ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ+ yi mu nsɛm no den+ ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so;+ na bere a wɔahyɛ no abɛn.+  Yohane de kɔma asafo ason+ a ɛwɔ Asia mantam mu no: Adom ne asomdwoe mfi “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,”+ ne ahonhom ason+ a ɛwɔ n’ahengua no anim,  ne Yesu Kristo, “Ɔdansefo Nokwafo no,”+ “awufo mu abakan,”+ ne “asase so ahene Sodifo”+ no hɔ, nka mo. Nea ɔdɔ yɛn+ na ɔnam n’ankasa mogya so san yɛn fii yɛn bɔne mu+​—  na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfo+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no—yiw, ɔno na anuonyam ne tumi nyɛ ne dea daa.+ Amen.  Hwɛ! Ɔnam omununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa behu no,+ ne wɔn a wohwirew ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuw nyinaa de awerɛhow bɛbobɔ wɔn kokom.+ Yiw, Amen.  “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa Nyankopɔn na ose, “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,+ ade nyinaa so Tumfoɔ no.”+  Me Yohane, mo nua a ɔne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ ahohiahia+ ne ahenni+ ne boasetɔ+ mu wɔ Yesu mu,+ mikopuee supɔw a wɔfrɛ no Patmo so esiane Onyankopɔn ho asɛm a mekae ne Yesu ho adanse a midii nti.+ 10  Mebaa+ Awurade da+ no mu honhom mu,+ na metee nne+ kɛse bi wɔ m’akyi te sɛ torobɛnto 11  a ese: “Nea wuhu no kyerɛw+ wɔ nhoma mu kɔma asafo ason+ a ɛwɔ Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+ 12  Na medan m’ani sɛ merehwɛ nne a ɛne me rekasa no, na medanee m’ani no, mihuu sika akaneadua+ ason 13  ne obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ akaneadua no mfinimfini a ɔhyɛ atade a esi ne nan ase, na sika abɔso bɔ ne koko so. 14  Afei nso, na ne ti nhwi hoa te sɛ oguan nhwi fitaa,+ te sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ ogyaframa;+ 15  na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ a adɔ wɔ fononoo mu; na ne nne+ te sɛ nsu bebree a ɛreworo. 16  Na nsoromma ason+ wɔ ne nsa nifa mu, na nkrante anofanu nnamnam+ fi n’anom pue, na n’anim te sɛ owia a abɔ denneennen.+ 17  Bere a mihuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawu. Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so kae sɛ: “Nsuro.+ Mene Odikanfo+ ne Okyikafo,+ 18  ne ɔteasefo no;+ na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu+ ne Adamoa*+ safe. 19  Enti kyerɛw nea wuhui, ne nea ɛwɔ hɔ ne nea ɛbɛba wɔ eyinom akyi no to hɔ.+ 20  Ahintasɛm kronkron a ɛfa nsoromma ason+ a wuhui wɔ me nsa nifa mu no ho, ne sika akaneadua ason+ no ho de: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo no, na akaneadua ason no yɛ asafo ason.+

Ase Hɔ Nsɛm

Egyina hɔ ma Hela nkyerɛwde a edi kan ne nea etwa to.
Anaa “Hades.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.