Adiyisɛm 10:1-11

10  Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo+ foforo sɛ ɔresian fi soro a ofura omununkum+ na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia,+ na ne nan+ te sɛ ogya adum,  na okura nhoma mmobɔwee ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam. Na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum no sii asase so,+  na ɔde nne kɛse teɛɛm te sɛ gyata+ a ɔrebobom. Na bere a ɔteɛɛm no, aprannaa+ ason no de wɔn ankasa nne kasae.  Afei bere a aprannaa ason no kasae no, meyɛe sɛ merekyerɛw; nanso metee nne bi fii soro+ sɛ: “Sɔ nsɛm+ a aprannaa ason no kae no ano, na nkyerɛw.”  Na ɔbɔfo a mihui sɛ ogyina ɛpo ne asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,+  na ɔde Nea ɔte ase+ daa daa+ a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwom ne asase+ ne nea ɛwom ne ɛpo ne nea ɛwom no+ din kaa ntam sɛ: “Ɔrentwɛn+ bio;  mmom nna a ɔbɔfo+ a ɔto so ason no rebɛhyɛn ne torobɛnto+ no, na Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ a ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa adiyifo+ no aba mu awie.”  Na ɛnne+ a mete fii soro no ne me kasae bio sɛ: “Kɔ kogye nhoma a wɔabue mu a ɛwɔ ɔbɔfo a ogyina ɛpo ne asase so nsam no.”+  Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwenenwene wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo.” 10  Ɛnna migyee nhoma ketewa no fii ɔbɔfo no nsam dii,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwo+ wɔ m’anom; nanso midi wiei no, ɛyɛɛ nwene wɔ me yam. 11  Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnipa ne aman ne kasa ne ahene pii ho nkɔm bio.”+

Ase Hɔ Nsɛm