Adiyisɛm 13:1-18

13  Na okogyinaa mpoano anhwea+ so. Na mihuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du+ ne ti+ ason sɛ ofi po+ mu repue, na na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn ho, na abusudin+ nso wowɔ ne ti ho.  Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ne nan te sɛ osisi+ de, na n’ano te sɛ gyata+ ano. Na ɔtweaseɛ+ no de n’ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi+ kɛse no maa aboa no.  Na mihuu ne ti no mu biako te sɛ nea wɔatwa ma ɔreyɛ awu, nanso wɔsaa ne pirakuru+ no na asase nyinaa dii aboa no akyi a ne ho yɛ wɔn nwonwa.  Na wɔsom ɔtweaseɛ no efisɛ ɔde tumi maa aboa no, na wɔsom aboa no kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ aboa no, na hena na obetumi ne no ako?”  Na wɔmaa no ano a ɛka nsɛnkɛse+ ne abususɛm,+ na wɔmaa no tumi a ɔde bɛyɛ adwuma asram aduanan abien.+  Na obuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, de tiaa ne din ne n’atenae, kyerɛ sɛ wɔn a wɔtete ɔsoro+ no.  Na wɔmaa no kwan+ sɛ ɔne akronkronfo no nko na onni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa ne aman nyinaa so tumi.  Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛsom no; wɔn mu biara nni hɔ a wɔakyerɛw ne din wɔ Oguammaa a wokum+ no no nkwa nhoma+ mu, fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase.+  Sɛ obi wɔ aso a, ma ontie.+ 10  Sɛ nkoasom mu na ɛsɛ sɛ obi kɔ a, ɔbɛkɔ nkoasom+ mu. Sɛ obi de nkrante kum a, ɛsɛ sɛ wɔde nkrante kum no.+ Ɛha na akronkronfo+ no boasetɔ+ ne wɔn gyidi+ ba asɛm no mu. 11  Na mihuu aboa+ foforo sɛ ofi asase mu repue,+ na na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa, nanso ofii ase kasae sɛ ɔtweaseɛ.+ 12  Ná ɔde aboa+ a odi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so no som aboa a odi kan a wɔsaa ne pirakuru no.+ 13  Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so wɔ adesamma anim. 14  Na esiane nsɛnkyerɛnne a wɔma ɔyɛ wɔ aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔte asase so no ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ohoni+ mma aboa a onyaa nkrante kuru+ nanso ɔsan nyaa ahoɔden no. 15  Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa ahome mma aboa no honi no, na ama aboa no honi no akasa na wama wɔakum wɔn a wɔnsom aboa no honi+ no nyinaa. 16  Na ɔhyɛ obiara,+ nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn agyiraehyɛde wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so,+ 17  na obiara ntumi ntɔ anaa ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyiraehyɛde no bi, aboa no din+ anaa ne din akontaahyɛde no.+ 18  Ɛha na nyansa ba asɛm no mu: Ma nea ɔwɔ adwene mmu aboa no akontaahyɛde no ano, efisɛ ɛyɛ onipa+ akontaahyɛde; na n’akontaahyɛde no yɛ ahansia aduosia asia.+

Ase Hɔ Nsɛm