Adiyisɛm 14:1-20

14  Na mihui, na hwɛ! Oguammaa+ no gyina Sion Bepɔw+ so, na mpem ɔha aduanan anan+ a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din+ wɔ wɔn moma so no ka ne ho.  Na metee nnyigyei bi fii soro te sɛ nsu+ bebree a ɛreworo ne aprannaa a ano yɛ den; na nnyigyei a metee no te sɛ nnwontofo a wɔrebɔ wɔn asanku.+  Na wɔreto dwom+ bi te sɛ dwom foforo+ wɔ ahengua no ne honhom abɔde+ baanan no ne mpanyimfo+ no anim; na obiara antumi ansua saa dwom no gye mpem ɔha aduanan anan+ a wɔatɔ+ wɔn afi asase so no.  Eyinom na wɔamfa mmea angu wɔn ho fĩ;+ nokwasɛm ne sɛ wɔn ho tew.*+ Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.+ Eyinom na wɔtɔɔ wɔn+ fii adesamma mu sɛ aba a edi kan+ maa Onyankopɔn ne Oguammaa no,  na wɔanhu atosɛm biara wɔ wɔn anom;+ na wonni dɛm+ nso.  Na mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim+ a okura daa asɛmpa+ sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,+  na ɔteɛɛm sɛ: “Munsuro Onyankopɔn+ na monhyɛ no anuonyam,+ efisɛ n’atemmu dɔn adu,+ enti monsom Nea ɔyɛɛ+ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.”+  Afei ɔbɔfo foforo, nea ɔto so abien, dii akyi kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon+ Kɛse no ahwe ase,+ nea ɔmaa aman nyinaa nom n’aguamammɔ+ abufuw nsa+ no bi no!”  Na ɔbɔfo foforo bio, nea ɔto so abiɛsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛse kae sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi+ no na onya agyiraehyɛde wɔ ne moma so anaa ne nsa ho a,+ 10  ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsã a wohwie no kurennyenn gu n’abufuw kuruwa mu no nso bi,+ na wɔbɛyɛ no ayayade+ wɔ ogya ne sufre+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Oguammaa no anim. 11  Na wɔn ayayade wusiw no foro soro daa daa,+ na wonnya ɔhome biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ogye ne din agyiraehyɛde+ no bi no. 12  Ɛha na akronkronfo+ no boasetɔ ba asɛm no mu, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde+ ne Yesu gyidi+ mu no.” 13  Na metee nne bi fi soro sɛ: “Kyerɛw sɛ: Anigye ne awufo+ a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ.+ Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.” 14  Na mihui, na hwɛ! omununkum fitaa bi ni, na obi a ɔte sɛ onipa ba+ te omununkum no so a ɔbɔ sika abotiri+ wɔ ne ti na okura kantankrankyi nnamnam wɔ ne nsam. 15  Na ɔbɔfo foforo fii asɔrefie kronkronbea hɔ bae de nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: “Tow wo kantankrankyi na twa,+ efisɛ dɔn adu sɛ wotwa,+ na asase no so nneɛma abere.”+ 16  Na nea ɔte omununkum no so no de ne kantankrankyi no tow asase so na wotwaa asase so nneɛma. 17  Ɔbɔfo foforo bio fii asɔrefie kronkronbea a ɛwɔ soro+ no bae, na na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam. 18  Afei ɔbɔfo foforo bio fii afɔremuka no mu bae a ɔwɔ ogya+ so tumi. Na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: “Tow wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe asiaw no ano,+ efisɛ n’aba no abere.” 19  Na ɔbɔfo+ no de ne kantankrankyi no tow asase so boaboaa asase so bobe+ no ano, na ɔtow guu Onyankopɔn abufuw nsã-kyi-amoa kɛse no mu.+ 20  Na wotiatiaa bobe no so wɔ kurow no akyi,+ na mogya fii nsã-kyi-amoa no mu foro koduu apɔnkɔ+ nnareka ho, nkwansimma apem ahansia.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “mmaabun.”