Adiyisɛm 16:1-21

16  Na metee sɛ nne+ kɛse bi fi kronkronbea hɔ reka kyerɛ abɔfo baason no sɛ: “Munkohwie Onyankopɔn abufuw+ nkuruwa ason no ngu asase so.”  Na nea odi kan no+ kɔe, na okohwiee ne kuruwa no guu asase+ so. Na akuru bɔne+ a ɛyɛ hu tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa+ no agyiraehyɛde na wɔsom ne honi+ no.  Na nea ɔto so abien no+ hwiee ne kuruwa no guu ɛpo mu.+ Na ɛdan mogya+ te sɛ owufo de, na ɔkra a ɛte ase biara wui, nneɛma a ɛwɔ po+ mu nyinaa.  Na nea ɔto so abiɛsa no+ hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten+ ne nsuti mu. Na ɛdan mogya.+  Na metee sɛ nsu so bɔfo no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafo,+ woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti,+  efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui,+ na woama wɔn mogya+ anom. Ɛsɛ wɔn.”+  Na metee sɛ afɔremuka no reka sɛ: “Yiw, Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ w’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”+  Na nea ɔto so anan no+ hwiee ne kuruwa no guu owia so; na wɔmaa owia kwan sɛ ɛmfa ogya nhyehye+ nnipa.  Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no anuonyam.+ 10  Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa+ no ahengua so. Na n’ahenni duruu sum+, na ɛyaw no nti wofii ase wee wɔn tɛkrɛma, 11  na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm+ esiane wɔn yaw ne wɔn akuru no nti, na wɔansakra amfi wɔn nnwuma ho. 12  Na nea ɔto so asia no+ hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate+ mu, na emu nsu yowee,+ na ama wɔasiesie kwan ama ahene+ a wofi owia apuei no. 13  Na mihui sɛ honhom mu nsɛm+ a ɛho ntew abiɛsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ+ fi ɔtweaseɛ+ no anom ne aboa+ no anom ne atoro diyifo+ no anom apue. 14  Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ adaemone honhom+ mu nsɛm a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asase nyinaa so+ ahene+ nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma ade nyinaa so Tumfoɔ+ Nyankopɔn da+ kɛse no mu ko+ no. 15  “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfo.+ Anigye ne nea ɔwɛn+ na ɔhwɛ n’atade nguguso so, na wannantew adagyaw mu amma nnipa anhu n’aniwu.”+ 16  Na wɔboaboaa ahene no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.+ 17  Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu mframa+ mu. Afei ɛnne+ kɛse bi fi kronkronbea hɔ, ahengua no so, bae sɛ: “Aba awiei!” 18  Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa bae, na asasewosow+ kɛse bi a efi bere a nnipa baa asase so ebi nsii saa da bae,+ asasewosow kɛse+ a ɛyɛ hu. 19  Na kurow kɛse+ no mu paapaee abiɛsa, na amanaman no nkurow no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛse+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyew nsã wom no.+ 20  Afei nso supɔw biara guanee, na wɔanhu mmepɔw.+ 21  Na amparuwbo+ akɛse a emu biara mu duru bɛyɛ sɛ dwetikɛse biako fi soro bɛhwehwee nnipa no so, na esiane ɔhaw a amparuwbo+ no de bae nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm,+ efisɛ na ɔhaw no sõ paa.

Ase Hɔ Nsɛm