Adiyisɛm 17:1-18

17  Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason+ no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: “Bra ma menkyerɛ wo aguaman+ kɛse a ɔte nsu+ pii so no atemmu;  ɔno na asase so ahene ne no abɔ aguaman,+ na n’aguamammɔ nsã no ama wɔn a wɔtete asase so no abobow.”+  Na wɔnam honhom+ no tumi so de me kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi sɛ ɔte akekaboa+ kɔkɔɔ a abusudin+ ayɛ no mã a ɔwɔ ti ason+ ne mmɛn du so.  Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne atade kɔkɔɔ,+ na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa+ ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa+ a akyide+ ne n’aguamammɔ atantanne+ ayɛ no mã wɔ ne nsam.  Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ɛyɛ ahintasɛm sɛ:+ “Babilon Kɛse, nguaman+ ne asase so akyide+ nã.”  Na mihui sɛ akronkronfo mogya+ ne Yesu adansefo mogya+ ama ɔbea no abow. Bere a m’ani bɔɔ no so no, me ho dwiriw me paa.+  Enti ɔbɔfo no bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wo ho adwiriw wo? Mɛka ɔbea+ no ne aboa a ɔbea no te no so a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du+ no ho ahintasɛm akyerɛ wo:  Aboa a wuhuu no no, na ɔwɔ hɔ,+ nanso onni hɔ, na ɔrebefi amoa donkudonku+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛe mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asase so no hu sɛnea na aboa no wɔ hɔ, nanso onni hɔ, na ɔbɛba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa pii, nanso wɔnkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma+ no mu fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase.+  “Ɛha na adwene a nyansa wom ba asɛm no mu:+ Ti ason+ no yɛ mmepɔw+ ason a ɔbea no te so no. 10  Na wɔyɛ ahene baason: baanum ahwe ase,+ biako wɔ hɔ,+ ɔfoforo no nnya mmae,+ nanso sɛ onya ba a, etwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.+ 11  Na aboa a na ɔwɔ hɔ nanso onni hɔ no,+ ɔno ara ne ɔhene a ɔto so awotwe, na ofi ason no mu na ɔbae, na ɔkɔ ɔsɛe mu. 12  “Na mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du+ a wonnya nnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no nya tumi sɛ ahene dɔnhwerew biako. 13  Eyinom kura adwenkoro, enti wɔde wɔn tumi ne ahoɔden ma aboa no.+ 14  Eyinom ne Oguammaa+ no bɛko, nanso esiane sɛ Oguammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene nti,+ obedi wɔn so nkonim.+ Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no nso bedi nkonim.”+ 15  Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsu a wuhui no, baabi a aguaman no te no, yɛ nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa horow.+ 16  Na mmɛn du+ a wuhui no, ne afei aboa+ no, eyinom bɛtan aguaman+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.+ 17  Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu,+ kyerɛ sɛ, wɔnyɛ adwenkoro mfa wɔn ahenni mma aboa+ no kosi sɛ Onyankopɔn nsɛm bɛba mu.+ 18  Na ɔbea+ a wuhuu no no ne kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asase so ahene so no.”+

Ase Hɔ Nsɛm