Adiyisɛm 19:1-21

19  Eyinom akyi no, metee biribi te sɛ nnipakuw kɛse bi nne a ano yɛ den wɔ ɔsoro.+ Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ!+ Nkwagye+ ne anuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea,+  efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.+ Na wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama watua ne nkoa mogya so ka.”+  Ntɛm ara wɔkae ne mprenu so sɛ: “Munyi Yah ayɛ!+ Na wusiw a efi ne mu no foro kɔ soro daa daa.”+  Na mpanyimfo aduonu anan+ ne honhom abɔde baanan+ no hwehwee fam som Onyankopɔn a ɔte ahengua no so no,+ na wɔkae sɛ: “Amen! Munyi Yah ayɛ!”+  Afei ɛnne bi fi ahengua no so bae sɛ: “Munyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a musuro no nyinaa, nketewa ne akɛse.”+  Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuw kɛse bi nne ne nsu pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyigyei. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ+ no afi ase redi hene.+  Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, na momma yɛnhyɛ no anuonyam,+ efisɛ Oguammaa no ayeforohyia+ adu+ na ne yere asiesie ne ho.+  Yiw, wɔama no kwan sɛ omfura nwera pa a ɛho tew hyɛnn, efisɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfo no adetrenee.”+  Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kyerɛw sɛ: Anigye ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn+ Oguammaa no ayeforohyia apontow ase.”+ Bio nso, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nokwasɛm a efi Onyankopɔn hɔ.”+ 10  Afei mehwee ne nan ase sɛ merekotow no.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom a wokura Yesu ho adansedi adwuma mu no.+ Som Onyankopɔn;+ efisɛ Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+ 11  Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni.+ Na wɔfrɛ nea ɔte no so no Ɔnokwafo+ a wɔwɔ Ne mu ahotoso,+ na obu atɛn, tu sa trenee mu.+ 12  N’ani yɛ ogyaframa,+ na ahemmotiri bebree bobɔ ne ti.+ Ɔwɔ din+ bi a wɔakyerɛw a obiara nnim gye ɔno nkutoo, 13  na ɔhyɛ atade nguguso bi a mogya abɔ apete mu,+ na edin a wɔde frɛ no ne Onyankopɔn Asɛm.+ 14  Afei nso na asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew. 15  Na nkrante tenten nnamnam bi fi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso otiatia ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyew+ nsã-kyi-amoa+ no so. 16  Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu n’atade nguguso mu wɔ ne srɛ so sɛ, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.+ 17  Afei nso mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa+ a wotu fa wim nyinaa sɛ: “Mommra mmehyia Onyankopɔn apontow kɛse no ase, 18  na mummedi ahene nam+ ne asahene nam ne ahoɔdenfo+ nam ne apɔnkɔ+ ne wɔn a wɔtete wɔn so no nam, ne obiara nam, adehye ne nkoa, nketewa ne akɛse.” 19  Na mihuu akekaboa+ no ne asase so ahene+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ no so+ no ne ne dɔm rebɛko.+ 20  Na wɔkyeree aboa+ no ne atoro diyifo+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ wɔ n’anim de daadaa wɔn a wonyaa aboa no agyiraehyɛde+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtow wɔn baanu nyinaa animono so guu ogya tare a sufre wom no mu.+ 21  Na wɔn a aka no, wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so+ no nkrante tenten a efi n’anom+ bae no kunkum wɔn. Na nnomaa+ no nyinaa dii wɔn nam+ mee.+

Ase Hɔ Nsɛm