Adiyisɛm 2:1-29

2  “Kyerɛw kɔma Efeso+ asafo no bɔfo+ sɛ: Eyi na nea okura nsoromma ason+ wɔ ne nsa nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua+ ason no mfinimfini no ka,  ‘Minim wo nnwuma+ ne wo brɛ ne boasetɔ, na minim nso sɛ wuntumi ne nnipa bɔne ntena, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafo+ nanso wɔnyɛ bi no, wosɔɔ wɔn hwɛe,+ na wuhui sɛ wɔyɛ atorofo.  Afei woda boasetɔ adi,+ na me din+ nti woagyina mu a wommrɛe.+  Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.+  “‘Enti kae nea wufi hwee ase no, na sakra+ yɛ kan nnwuma no bio. Anyɛ saa a, mereba wo so,+ na meyi wo kaneadua+ no afi ne sibea, gye sɛ wosakra.  Nanso nea ɛwɔ wo ho ne sɛ wukyi+ Nikolaifo fekuw+ no nnwuma a me nso mikyi no.  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no: Nea odi nkonim no,+ mɛma wadi nkwadua+ a ɛwɔ Onyankopɔn paradise mu no bi.’  “Na kyerɛw kɔma Smirna asafo no bɔfo+ sɛ: Eyinom na ‘Odikanfo ne Okyikafo no,’+ nea owui na wasan aba nkwa mu bio+ no ka,  ‘Minim w’ahohiahia ne wo hia​—nanso woyɛ ɔdefo+​—ne abususɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo+ nanso wɔnyɛ bi na mmom wɔyɛ Satan bagua+ no ka no. 10  Nsuro nea ɛrebɛto wo no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom begu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho behiahia mo+ dadu. Di nokware kosi owu mu,+ na mɛma wo nkwa abotiri.+ 11  Ma nea ɔwɔ aso no ntie+ nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no: Nea odi nkonim no,+ owuprenu no renka no.’+ 12  “Na kyerɛw kɔma Pergamo asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔwɔ nkrante anofanu tenten nnamnam no ka,+ 13  ‘Minim baabi a wote, kyerɛ sɛ baabi a Satan ahengua si; nanso woda so ara kura me din mu denneennen,+ na woampa me mu gyidi+ wɔ me dansefo+ nokwafo Antipa nna no mu mpo, nea wokum+ no wo nkyɛn, baabi a Satan te no. 14  “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo, sɛ wowɔ ebinom wɔ hɔ a wokura Balaam nkyerɛkyerɛ mu denneennen,+ nea ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔmfa hintidua nto Israel mma anim mma wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.+ 15  Enti wo nso wowɔ nnipa bi a wokura Nikolaifo fekuw+ no nkyerɛkyerɛ no mu denneennen. 16  Enti sakra.+ Anyɛ saa a, mereba wo nkyɛn ntɛm, na mede nkrante tenten a efi m’anom+ no ne wɔn bɛko.+ 17  “‘Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no:+ Nea odi nkonim+ no mede mana+ a ahintaw no bi bɛma no, na mama no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo+ bi agu a obiara nnim gye nea ne nsa ka no.’+ 18  “Na kyerɛw kɔma Tiatira+ asafo no bɔfo sɛ: Eyinom na Onyankopɔn Ba+ a n’ani te sɛ ogya a ɛredɛw+ na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ no ka, 19  ‘Minim wo nnwuma, ne wo dɔ+ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ+ seesei no sen kan de no.+ 20  “‘Nanso mewɔ eyi tia wo, sɛ wugyigye saa ɔbea Yesebel+ no so, nea ɔfrɛ ne ho odiyifobea na ɔkyerɛkyerɛ+ me nkoa+ na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ aguaman+ na wodi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom no.+ 21  Memaa no bere sɛ ɔmfa nsakra,+ nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi n’aguamammɔ no ho.+ 22  Hwɛ! Merebɛtow no ato ɔyarepa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no akɔ ahohiahia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra fi wɔn nnwuma ho. 23  Na mede owuyare bɛbobɔ ne mma na ama asafo no nyinaa ahu sɛ me na mehwehwɛ asaabo ne koma mu, na sɛnea mo mu biara nnwuma te no na mɛma no.+ 24  “‘Nanso meka kyerɛ mo a moaka a mowɔ Tiatira, wɔn a wonnye saa nkyerɛkyerɛ yi nyinaa, wɔn a wɔanhu “Satan nneɛma a emu dɔ”+ no sɛnea wɔka no no sɛ: Meremfa adesoa foforo biara nto mo so.+ 25  Ɛno ara ne sɛ munkura nea mowɔ no mu denneennen+ nkosi sɛ mɛba. 26  Na nea odi nkonim na odi me nnwuma akyi kosi awiei no,+ mɛma no amanaman no so tumi,+ 27  na ɔde dade poma+ bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasin te sɛ anwenne,+ sɛnea me nso minyaa no m’Agya hɔ no, 28  na mɛma no adekyee nsoromma.+ 29  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no.’+

Ase Hɔ Nsɛm