Adiyisɛm 20:1-15

20  Mihui sɛ ɔbɔfo bi fi soro resian a okura amoa donkudonku+ no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam.  Na ɔkyeree ɔtweaseɛ+ no, ɔwɔ dedaw+ a ɔne Ɔbonsam+ ne Satan+ no, na ɔkyekyeree no mfe apem.  Na ɔtow no kyenee amoa+ no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano na wantumi ankɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe apem no bɛba awiei. Eyinom akyi no ɛsɛ sɛ wogyaa no kakra.+  Na mihuu nhengua,+ na na ebinom tete so, na wɔmaa wɔn tumi a wɔde bebu atɛn.+ Yiw, mihuu wɔn a Yesu ho adansedi ne Onyankopɔn ho asɛnka nti wɔde akuma kunkum wɔn no akra, ne wɔn a wɔankotow akekaboa+ no anaa ne honi+ no na wɔannye agyiraehyɛde no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho no.+ Na wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ade+ mfe apem.  (Na awufo+ nkae no amma nkwa mu kosii sɛ mfe apem no baa awiei.)+ Eyi ne owusɔre a edi kan+ no.  Anigye+ ne kronkron+ ne obiara a onya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa; eyinom so na owuprenu+ nni tumi,+ na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo,+ na wɔne no bedi hene mfe apem.+  Afei sɛ mfe apem no nya wie du ara pɛ a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase,  na obefi adi akɔdaadaa amanaman a ɛwɔ asase afanan no, Gog ne Magog, na waboaboa wɔn ano ama ɔko. Eyinom dodow te sɛ mpoano anhwea.+  Na wɔtrɛwee wɔ asase no so, na wotwaa akronkronfo+ no nsraban ne kurow a wɔdɔ no+ no ho hyiae. Na ogya fi soro bɛhyew wɔn.+ 10  Na wɔtow Ɔbonsam+ a na ɔredaadaa wɔn no too ogya tare a sufre wom no mu, baabi a na aboa+ no ne atoro diyifo no wɔ dedaw no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. 11  Na mihuu ahengua kɛse fitaa bi ne nea ɔte so no.+ Asase ne ɔsoro guan fii n’anim,+ na wɔannya baabiara amma wɔn. 12  Na mihuu awufo, akɛse ne nketewa,+ sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma no.+ Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.+ 13  Na ɛpo yii emu awufo+ mae, na owu ne Adamoa* yii emu awufo mae, na wobuu wɔn atɛn mmiako mmiako sɛnea wɔn nnwuma te.+ 14  Na wɔtow owu+ ne Adamoa guu ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu+ no, ogya tare no.+ 15  Afei nso obiara a wɔanhu no wɔ nkwa nhoma+ no mu no, wɔtow no too ogya tare+ no mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Hades.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.