Adiyisɛm 21:1-27

21  Mihuu ɔsoro foforo+ ne asase foforo,+ na kan soro+ ne kan asase+ no atwam, na ɛpo+ nni hɔ bio.  Afei nso mihuu kurow kronkron,+ Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro+ resian a wɔasiesie no sɛ ayeforo+ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+  Afei metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan+ wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena+ na wɔayɛ ne man.+ Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.+  Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu+ nyinaa, na owu nni hɔ bio,+ na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.+ Kan nneɛma no atwam.”+  Na Nea ɔte ahengua+ no so no kae sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.”+ Ɔsan kae sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware.”  Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Anya aba mu! Mene Alfa ne Omega,* mfitiase ne awiei.+ Mɛma obiara a sukɔm de no nkwa asuti mu nsu no bi kwa.+  Obiara a odi nkonim no nsa bɛka eyinom, na mɛyɛ ne Nyankopɔn,+ na wayɛ me ba.+  Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi+ ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne+ ne awudifo+ ne aguamammɔfo+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo+ ne atorofo+ nyinaa de, wobenya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya+ ne sufre+ dɛw wom no mu. Eyi ne owuprenu no.”+  Ɛnna abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to+ no ayɛ no mama no mu biako bae, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ayeforo no, Oguammaa no yere+ no.” 10  Enti ɔnam honhom no tumi so de me kɔɔ bepɔw+ tenten kɛse bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron+ Yerusalem sɛ efi soro, Onyankopɔn nkyɛn, resian,+ 11  na ɛwɔ Onyankopɔn anuonyam.+ Na ɛhyerɛn te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den paa, ɛte sɛ ahwehwɛbo hyɛnhyɛn.+ 12  Na ɛwɔ ɔfasu+ tenten kɛse bi ne apon dumien, abɔfo dumien gyinagyina apon no ano, na wɔakyerɛkyerɛw Israel mma mmusuakuw dumien no din wɔ ho.+ 13  Na apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ atifi, apon abiɛsa wɔ anafo, na apon abiɛsa wɔ atɔe.+ 14  Na kurow no fasu nso wɔ fapem+ dumien a wɔakyerɛkyerɛw edin dumien wɔ so; ɛyɛ Oguammaa no asomafo+ dumien no din. 15  Ná nea ɔne me rekasa no kura sika demmire+ a ɔde besusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu.+ 16  Kurow no yɛ ahinanan, na ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow+ no; na ɛyɛ nkwansimma mpem dumien, ne tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne ne sorokɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. 17  Afei osusuw ne fasu no, basafa ɔha aduanan anan; ɔde onipa susudua a bere koro no ara ɛyɛ ɔbɔfo de na esusuwii. 18  Wɔde ahwehwɛbo+ na ɛtoo ɔfasu no, na na kurow no yɛ sika amapa te sɛ ahwehwɛ a anim tew. 19  Wɔde aboɔden abo+ ahorow nyinaa bi na ɛhyehyɛɛ fapem+ a kurow no fasu gyina so no: na fapem a edi kan no yɛ ahwehwɛbo,+ nea ɛto so abien no yɛ hoabo,+ nea ɛto so abiɛsa no yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan no yɛ ahabammonobo,+ 20  nea ɛto so anum no yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia no yɛ bogyanambo, nea ɛto so ason no yɛ sikaberebo,+ nea ɛto so awotwe no yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron no yɛ akraatebo,+ nea ɛto so du no yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako no yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo.+ 21  Na apon dumien no nso yɛ nhene pa dumien; wɔde ahene+ biako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no mmɔnten yɛ sika amapa, te sɛ ahwehwɛ a anim da hɔ. 22  Na manhu asɔrefie bi wom,+ efisɛ ade nyinaa so Tumfoɔ+ Yehowa+ Nyankopɔn ne Oguammaa+ no na wɔyɛ n’asɔrefie.+ 23  Na kurow no nhia owia ne ɔsram hann, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+ 24  Na amanaman no bɛnantew ne hann mu,+ na asase so ahene de wɔn anuonyam bɛba mu.+ 25  Na wɔrentoto n’apon mu koraa awia,+ efisɛ ade rensa wɔ hɔ.+ 26  Na wɔde amanaman no anuonyam ne wɔn nidi bɛba mu.+ 27  Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyide+ bi anaa otwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nkutoo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Adiyisɛm 1:8 ase hɔ asɛm.