Adiyisɛm 22:1-21

22  Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten+ a ani tew te sɛ ahwehwɛbo a ɛsen fi Onyankopɔn ne Oguammaa+ no ahengua no mu  ba ne kwantempɔn mfinimfini no. Na nkwa nnua+ a ɛsow aba ahorow dumien sisi asubɔnten no afanu nyinaa, na ɛsow aba ɔsram biara.+ Na nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.+  Na nnome biara remma bio.+ Na Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua+ bɛtena kurow no mu, na ne nkoa bɛsom no;+  na wobehu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+  Afei adesae befi hɔ,+ na kanea anaa owia hann ho renhia wɔn bio, efisɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma hann+ ahyerɛn wɔn so, na wobedi hene daa daa.+  Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware;+ yiw, Yehowa, Onyankopɔn a ɔnam adiyifo+ so kasae+ no somaa ne bɔfo bɛkaa nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm+ kyerɛɛ ne nkoa.  Na hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigye ne obiara a odi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so.”+  Me Yohane, me na metee eyinom nyinaa, na mihui. Na bere a metee na mihui no, mehwee ɔbɔfo a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ merekotow no.+  Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifo+ ne wɔn a wodi nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+ 10  Ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no ano, efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.+ 11  Nea ɔyɛ amumɔyɛde no nkɔ so nyɛ amumɔyɛde;+ na nea ne ho agu fĩ no ho nkɔ so ngu fĩ;+ nanso ɔtreneeni+ nkɔ so nyɛ adetrenee, na ɔkronkronni nkɔ so nyɛ kronkron.+ 12  “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛnea n’adwuma te.+ 13  Mene Alfa ne Omega,*+ odikanfo ne okyikafo,+ mfiase ne awiei. 14  Anigye ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade,+ sɛnea wobenya tumi de akɔ nkwa nnua+ no ho na wɔanya kwan afa kurow no apon mu akɔ mu.+ 15  Na kurow no akyi na akraman+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm+ ne aguamammɔfo+ ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro+ nyinaa wɔ.’ 16  “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfo sɛ ommedi eyinom ho adanse nkyerɛ mo mma asafo ahorow no. Mene Dawid ntini+ ne n’aseni,+ adekyee nsoromma+ a ɛharan no.’” 17  Na honhom+ no ne ayeforo+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma nea ɔte biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+ 18  “Midi obiara a ɔte nhoma yi mu nkɔmhyɛ nsɛm no adanse sɛ: Sɛ obi de biribi ka eyinom ho a,+ Onyankopɔn de ɔhaw+ a wɔakyerɛw no nhoma yi mu no bɛka no ho; 19  na sɛ obi yi asɛm bi fi nkɔmhyɛ nhoma yi mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa nnua+ no ne kurow kronkron+ no mu, nea wɔakyerɛw ho asɛm wɔ nhoma yi mu no. 20  “Nea odi eyinom ho adanse no ka sɛ, ‘Yiw; mereba ntɛm.’”+ “Amen! Awurade Yesu, bra.” 21  Awurade Yesu Kristo adom nka akronkronfo no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Adiyisɛm 1:8 ase hɔ asɛm.