Adiyisɛm 3:1-22

3  “Kyerɛw kɔma Sardi asafo no bɔfo+ sɛ: Eyinom na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason+ ne nsoromma ason+ no ka, ‘Minim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.+  Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a na ɛrewu no mu den,+ na minhuu sɛ woawie wo nnwuma wɔ me Nyankopɔn anim.+  Enti kɔ so kae nea woanya+ ne nea woate, na di so+ na sakra.+ Nokwasɛm ni, sɛ woanwɛn a,+ mɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na worenhu dɔn ko a mɛba wo so da.+  “‘Nanso wowɔ nnipa kakra+ wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntade nguguso ho fĩ,+ na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu,+ efisɛ wɔfata.+  Enti nea odi nkonim+ no wɔde ntade nguguso fitaa bɛhyɛ no;+ na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfo anim.+  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no.’  “Kyerɛw kɔma Filadelfia asafo no bɔfo+ sɛ: Eyinom na nea ɔyɛ kronkron,+ ɔnokwafo,+ nea ɔwɔ Dawid safe,+ a sɛ obue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue, no ka,  ‘Minim wo nnwuma+​—hwɛ! mede ɔpon a wɔabue+ asi w’anim a obiara ntumi ntom​—ɛne sɛ wowɔ tumi kakra, na wudii m’asɛm so na woampa me din.+  Hwɛ! mede wɔn a wofi Satan bagua mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo,+ nanso wɔnyɛ bi na mmom wɔredi atoro+ no bɛma—hwɛ! mɛma wɔaba abɛkotow+ wo nan ase na wɔahu sɛ medɔ wo. 10  Esiane sɛ wudii me boasetɔ+ ho asɛm so nti, me nso mɛkora+ wo so wɔ sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu.+ 11  Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen,+ na obi annye w’abotiri.+ 12  “‘Nea odi nkonim no​—mɛyɛ no edum+ wɔ me Nyankopɔn+ asɔrefie,+ na ɔremfi hɔ nkɔ bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow, Yerusalem foforo+ a efi me Nyankopɔn hɔ sian fi soro, no din wɔ no so, ne m’ankasa me din foforo no.+ 13  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no.’ 14  “Kyerɛw kɔma Laodikea+ asafo no bɔfo sɛ: Eyinom na Amen+ no ka, ɔdansefo+ nokwafo+ a wɔwɔ ne mu ahotoso,+ Onyankopɔn adebɔ mfiase no,+ 15  ‘Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na saa ara na wonyɛ hyew. Me yam a anka woyɛ nwini anaa nso woyɛ hyew. 16  Enti esiane sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew+ na wonyɛ nwini+ nti, mɛfe wo afi m’anom. 17  Woka sɛ: “Meyɛ ɔdefo,+ manya me ho, na hwee nhia me,” nanso wunnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na woyɛ ohiani ne onifuraefo+ a woda adagyaw, 18  enti mitu wo fo sɛ tɔ sika+ a wɔde gya apa mu fi me nkyɛn na woayɛ ɔdefo, ne ntade nguguso fitaa na woatumi asiesie wo ho na wɔanyi w’adagyaw so amma w’ani anwu,+ na tɔ aniduru a wode bɛsra w’ani+ na woahu ade. 19  “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so.+ Enti yɛ nnam na sakra.+ 20  Hwɛ! migyina pon ano+ rebom. Sɛ obi te me nne na obue pon no a,+ mɛba ne fie ne no abedi anwummeduan na ɔno nso ne me adidi. 21  Nea odi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahengua so,+ sɛnea me nso midii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahengua+ so no. 22  Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom+ no ka kyerɛ asafo ahorow no.’”+

Ase Hɔ Nsɛm