Adiyisɛm 4:1-11

4  Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ! ɔpon bi a wɔabue ano da hɔ wɔ soro, na ɛnne a edi kan a metee no te sɛ torobɛnto,+ na ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha,+ na mɛkyerɛ wo nneɛma a etwa sɛ ɛba.”+  Eyinom akyi no, honhom baa me so ntɛm ara: na hwɛ! ahengua bi+ si soro,+ na obi te ahengua no so.+  Na nea ɔte so no hwɛbea+ te sɛ ahwehwɛbo+ ne aboɔdenbo kɔkɔɔ, na nyankontɔn+ a ne hwɛbea te sɛ ahabammonobo+ atwa ahengua no ho ahyia.  Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihui sɛ mpanyimfo+ aduonu anan+ a wɔhyehyɛ ntade nguguso fitafitaa+ tete nhengua+ yi so, na sika abotiri+ bobɔ wɔn ti.  Na anyinam+ ne ɛnne ne aprannaa+ fi ahengua no mu bae; na ogya akanea+ ason redɛw wɔ ahengua no anim, na eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason no.+  Na ɛpo+ a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahengua no anim sɛ ahwehwɛbo. Na honhom abɔde baanan+ a aniwa wowɔ wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa no wɔ ahengua no mfinimfini ne ahengua no ho.  Honhom abɔde a odi kan no te sɛ gyata,+ na honhom abɔde a ɔto so abien no te sɛ nantwi ba,+ na honhom abɔde a ɔto so abiɛsa+ no anim te sɛ onipa, na honhom abɔde a ɔto so anan+ no te sɛ ɔkɔre a ɔnam wim.+  Na honhom abɔde baanan+ no mu biara wɔ ntaban asia;+ aniwa ayɛ wɔn ho nyinaa ne wɔn ntaban ase mpo mã.+ Wɔnhome awia ne anadwo, na wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa+ Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ+ a ɔreba.”  Na bere biara a honhom abɔde no de anuonyam ne nidi ne aseda+ ma Nea ɔte ahengua no so+ a ɔte ase daa daa no,+ 10  mpanyimfo aduonu anan+ no hwehwe fam wɔ Nea ɔte ahengua no so no anim na wɔsom+ Nea ɔte ase daa daa no, na wotutu wɔn abotiri gu ahengua no anim ka sɛ: 11  “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam+ ne nidi+ ne tumi,+ efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ+ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.”+

Ase Hɔ Nsɛm