Adiyisɛm 5:1-14

5  Na mihuu nhoma mmobɔwee bi a wɔakyerɛw emu ne akyi,+ a wɔde nsɔano ason asɔ ano+ denneennen, wɔ Nea ɔte ahengua+ no so no nsa nifa mu.  Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse reteɛm sɛ: “Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔsan ne nsɔano no?”  Nanso ɔsoro oo, asase so oo, asase ase oo, obiako mpo nni hɔ a na obetumi abue nhoma no mu anaa obetumi ahwɛ mu.  Afei misui paa efisɛ wɔanhu obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu anaa ɔhwɛ mu.+  Ɛnna mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ ntini no,+ adi nkonim+ ma enti obetumi abue nhoma no mu ayi ne nsɔano ason no.”  Na mihui sɛ oguammaa+ bi a ɔte sɛ nea wokum no+ gyina ahengua+ no ne honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo no mfinimfini+ a ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason, na aniwa no yɛ Onyankopɔn ahonhom ason+ a wɔasoma wɔn asase nyinaa so no.  Afei ɔkɔe na ntɛm ara ogye fii Nea ɔte ahengua no so no+ nsa nifa mu.  Na bere a ogyee nhoma no, honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo aduonu anan+ no hwehwee fam Oguammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sanku+ ne sika nkuruwa a aduhuam ayɛ no mã; ná aduhuam+ no yɛ akronkronfo no mpaebɔ.+  Na wɔtoo dwom foforo+ sɛ: “Wofata sɛ wugye nhoma no na wotew ne nsɔano ano, efisɛ wokum wo na wode wo mogya+ tɔɔ+ nnipa fii abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10  na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfo+ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wobedi asase so ahene.”+ 11  Afei mihui, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne honhom abɔde no ne mpanyimfo no ho ahyia nne, na na wɔn dodow yɛ ɔpedudu+ ne mpempem huhaa,+ 12  na wɔde nne kɛse kae sɛ: “Oguammaa a wokum no+ no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.”+ 13  Na abɔde biara a ɛwɔ soro ne asase so ne asase ase+ ne po so, ne nea ɛwom nyinaa no, metee sɛ wɔreka sɛ: “Nhyira ne nidi+ ne anuonyam+ ne ahoɔden nka Nea ɔte ahengua+ no so no ne Oguammaa+ no daa daa.” 14  Na honhom abɔde baanan no kae sɛ: “Amen!” na mpanyimfo+ no hwehwee fam somee.+

Ase Hɔ Nsɛm