Adiyisɛm 7:1-17

7  Eyi akyi no, mihuu abɔfo+ baanan sɛ wogyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa anan no mu+ denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na mframa biara remmɔ mfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.+  Na mihuu ɔbɔfo foforo a ɔde Onyankopɔn teasefo no nsɔano+ fi owiapuei+ reforo kɔ soro; na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no  sɛ: “Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua no, kosi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa ano+ wɔ wɔn moma so.”+  Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow, mpem ɔha aduanan anan,+ a wɔasɔ wɔn ano afi Israel+ mma mmusuakuw nyinaa mu:+  Yuda+ abusuakuw mu mpem dumien na wɔsɔɔ wɔn ano; Ruben+ abusuakuw mu mpem dumien;Gad+ abusuakuw mu mpem dumien;  Aser+ abusuakuw mu mpem dumien;Naftali+ abusuakuw mu mpem dumien;Manase+ abusuakuw mu mpem dumien;  Simeon+ abusuakuw mu mpem dumien;Lewi+ abusuakuw mu mpem dumien;Isakar+ abusuakuw mu mpem dumien;  Sebulon+ abusuakuw mu mpem dumien;Yosef+ abusuakuw mu mpem dumien;Benyamin+ abusuakuw mu mpem dumien na wɔsɔɔ wɔn ano.+  Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman+ ne mmusuakuw ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahengua+ no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wokurakura berɛw.+ 10  Na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahengua+ no so ne Oguammaa no hɔ.”+ 11  Ná abɔfo+ no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahengua no ne mpanyimfo+ no ne honhom abɔde baanan+ no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw ahengua no anim, na wɔsom Onyankopɔn+ 12  kae sɛ: “Amen! Nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi+ ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa. Amen.”+ 13  Na mpanyimfo+ no mu biako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa+ yi yɛ henanom na wofi he?” 14  Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wunim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom na wofi ahohiahia kɛse+ no mu, na wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa+ Oguammaa no mogya+ mu. 15  Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua no anim;+ na wɔsom+ no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie; na Nea ɔte ahengua+ no so no bɛtrɛw ne ntamadan+ mu wɔ wɔn so. 16  Ɔkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na owia renhye wɔn na ɔhyew biara renka wɔn,+ 17  efisɛ Oguammaa+ a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ+ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asuti+ ho. Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.”+

Ase Hɔ Nsɛm